-
Yohane 2:1-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Da a ɛto so abiɛsa no, ayeforohyia apontow bi kɔɔ so wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na na Yesu maame wɔ hɔ bi. 2 Yesu ne n’asuafo no nso, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa ayeforohyia apontow no ase.
3 Bere a nsã* no sae no, Yesu maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonni nsã.”* 4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea, ɛno nso de, ɛfa me ne wo ho dɛn?* Me bere nnya nsoe.” 5 Ɛnna ne maame ka kyerɛɛ asomfo no sɛ: “Nea ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.” 6 Saa bere no, na nsuhina asia a wɔde abo ayɛ sisi hɔ sɛnea Yudafo ahodwira ho mmara te+ no, na na emu biara betumi afa susuhina* abien anaa abiɛsa. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nsu ngu nhina no mu mma ɛnyɛ ma.” Na wɔde nsu guguu mu maa ne nyinaa yeyɛɛ ma tɛnn.* 8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei monsaw bi, na momfa nkɔma nea ɔhwɛ apontow no so no.” Enti wɔde kɔe. 9 Ɛnna nea ɔhwɛ apontow no so no kaa nsu a adan nsã* no bi hwɛe. Ná onnim baabi a efi (nanso asomfo a wɔsaw nsu no de, na wonim). Enti nea ɔhwɛ apontow no so no frɛɛ ayeforokunu no, 10 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara de nsã* pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ nkurɔfo bobow a, afei na ɔde nea enye no aba. Wo de, wode nsã* pa no asie abesi sesɛɛ.” 11 Yesu yɛɛ eyi wɔ Kana wɔ Galilea. Ɛno ne sɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛe, na ɔmaa n’anuonyam daa adi,+ na n’asuafo no gyee no dii.
-