11 Momfa nsi mo ani so sɛ mobɛtena hɔ komm+ na moadi mo fi asɛm,+ na mode mo nsa ayɛ adwuma,+ sɛnea yɛkyerɛɛ mo no, 12 na moabɔ ɔbra pa ama wɔn a wonni asafo no mu no ahu,*+ na biribiara anhia mo.
7 Na mo ara munim sɛnea ɛsɛ sɛ musuasua yɛn,+ efisɛ yɛammɔ yɛn bra basabasa wɔ mo mu, 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduan kwa.*+ Mmom yebirii yɛn mogya ani yɛɛ adwumaden awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛse biara nto mo mu biara so.+