-
Genesis 50:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Akyiri yi, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Merebewu, nanso Onyankopɔn betwa n’ani abɛhwɛ mo,+ na obeyi mo afi asaase yi so de mo akɔ asaase a ɔkaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.”+ 25 Enti Yosef ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: “Ɔkwan biara so Onyankopɔn betwa n’ani abɛhwɛ mo, enti monka me ntam sɛ mode me nnompe befi ha akɔ.”+
-