15 Da a ɛto so ason no, anɔpatutuutu a anim retetew no ara na wɔsɔree, na wɔnantew* twaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn ason. Saa da no nko ara na wɔnantew twaa kurow no ho hyiae mpɛn ason.+
20 Afei wɔhyɛn mmɛn no, na ɔman no teɛɛm.+ Bere a ɔman no tee abɛn no a wɔteɛɛm denneennen pɛ, ɔfasu no nyinaa dwiriw guu fam.+ Afei wɔbɔ wuraa kurow no mu; obiara kɔɔ n’anim tee, na wɔfaa kurow no.