Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/15 kr. 12-17
  • Hwɛ Yehowa Ma Ɔmma Wo Nhumu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yehowa Ma Ɔmma Wo Nhumu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛka Nhumu Ho
  • Sɛnea Yosua Nyaa Nhumu
  • Sɛnea Yehowa ma Nhumu Nnɛ
  • Bɔ Nhumu a Ebetumi Afi Wo Nsa no ho Ban
  • Nhumu A Yehowa De Ama
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nhumu A Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Yɛn Honhom Mu Otwa Adwuma No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • “Nyansa Bɔ Onipa Ho Ban”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ɔkwan Bɛn So na Metumi ‘Adi M’agya ne Me Na Ni’?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/15 kr. 12-17

Hwɛ Yehowa Ma Ɔmma Wo Nhumu

“Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so.”​—DWOM 32:8.

1. Nneɛma ahorow a ɛkyerɛ sɛ ebia gyinae ahorow a yebesisi bɛyɛ nea nyansa wom no mu bi ne dɛn? (Fa toto Deuteronomium 32:7, 29 ho.)

YEHYIA gyinaesi ahorow da biara da​—ɛte sɛ nea emu bi yɛ nketewaa, ɛda adi sɛ afoforo ho hia. So yɛn gyinaesi ahorow no bɛyɛ nea nyansa wom? Ɛno gyina sɛ ebia yɛde ahopere yɛ ade anaasɛ yedwen ansa na yɛayɛ ade anaasɛ yɛakasa no so kɛse. Nanso, nsɛm pii wɔ hɔ a ɛho gyinaesi hwehwɛ sɛ yetumi hu ade tra nea ɛda adi. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ yehu nea ebefi wiase nsɛm a esisi no mu aba, sɛ yehu nea ɛrekɔ so wɔ ahonhom atrae mpo. So yebetumi ayɛ saa? So ebetumi ayɛ yiye sɛ onipa bɛyɛ eyi wɔ ɔkwan bi so a ɛnyɛ n’ani a ɔde bu ara kwa?

2. Sɛ yebetumi adi yiye wɔ asetra mu a, mmoa bɛn na yehia, na dɛn ntia? (Mmebusɛm 20:24)

2 Wɔde adwene dwumadi a ɛyɛ nwonwa woo adesamma, nanso wɔanyɛ wɔn a wɔwɔ tumi sɛnea wobɛkyerɛ wɔn ho kwan wɔ asetra mu a wommfi ahobrɛase mu nnye mmoa a efi Onyankopɔn hɔ. Sɛnea odiyifo Yeremia a honhom kaa no no kyerɛwee no: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

3. Sɛ yɛanhwɛ Yehowa ma wamma yɛn akwankyerɛ a, dɛn na ebefi mu aba? (Fa toto Genesis 3:4-6, 16-24 ho.)

3 Sɛ yebu yɛn ani gu saa nokwasɛm no so na ebia yɛde yɛn ho to yɛn ankasa anaasɛ adesamma afoforo so wɔ nea nyansa wom ne nea nyansa nnim, nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ mfomso ho gyinaesi ahorow mu a, dɛn na efi mu ba? Esiane sɛ honam fam nsusuwii na ɛkyerɛ yɛn kwan nti, mmere bi wɔ hɔ a yebebu nea Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne no papa, bere a ebia yebebu ɔkwan bi a Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ agyimisɛm no sɛ nyansa wom. (Yesaia 5:20) Ebia yɛbɛyɛ eyi a yɛmmoapa de, nanso yebetumi ato afoforo hintidua. (Fa toto 1 Korintofo 8:9 ho.) Ɛdefa nea awiei koraa ɛbɛba wɔn a wɔkɔ so pow sɛ wɔbɛhwɛ Yehowa ma wakyerɛ wɔn kwan so no ho no, n’Asɛm kyerɛ sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.”​—Mmebusɛm 14:12.

4. Mmoa bɛn na Yehowa fi ayamye mu de hyɛ ne nkoa bɔ? (Fa toto Yeremia 10:21 ho.)

4 Eyi nti, dɛn na yehia? Sɛ yɛbɛka no tiawa a, yehia mmoa a Yehowa de ma. Nea ɛhyɛ nkuran no, ose: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.”​—Dwom 32:8.

Nea Ɛka Nhumu Ho

5. Dɛn ne “nhumu”?

5 Dɛn ne “nhumu” sɛnea wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no? Ɛne tumi a wotumi hu tebea bi mu, sɛ wɔhwɛ ade ma ɛtra nea ɛda adi no. Sɛnea Theological Wordbook of the Old Testament kyerɛ no, Hebri asɛm a wɔkyerɛ ase “nhumu” no fa nneɛma ho “ntease mu nimdeɛ a adwene wom” ho. Ɛyɛ nimdeɛ a ɛboa obi ma ɔyɛ ade nyansa mu na odi yiye. Nea ɛne saa adwentitiriw no hyia ne sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda Hebri adeyɛ asɛm no ara mu su titiriw no adi nti no, New World Translation no de nsɛm te sɛ ‘fa anifere yɛ ade,’ ‘yɛ ade nyansa mu,’ ne ‘di yiye’ di dwuma de ka nea wɔkyerɛ ase sɛ ‘nya nhumu’ no ho.​—Dwom 14:2, NW.

6. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ “nea osianka n’ano” no reyɛ ade nyansa mu, anaasɛ ɔde nhumu redi dwuma?

6 Enti, wɔka sɛ “nea osianka n’ano no de anifere [anaasɛ ɔde nhumu] yɛ ade.” (Mmebusɛm 10:19, NW) Odwen ansa na wakasa, na osusuw sɛnea afoforo bɛte nea ɔka no ase, afei sɛ ebia nea ɔka fa ɔfoforo ho no bɛyɛ nea nyansa ne ɔdɔ wom, anaasɛ ɛho hia no ho. (Mmebusɛm 12:18; Yakobo 1:19) Esiane sɛ Yehowa akwan ho dɔ ne ɔpɛ a ɛyɛ nokware sɛ ɔbɛboa afoforo na ɛkanyan no nti, nea ɔka no hyɛ afoforo den.​—Mmebusɛm 16:23.

7. Dɛn na ɛboaa Dawid ma onyaa din pa sɛ obi a ɔyɛɛ ade nyansa mu?

7 Ɛdefa Yisai ba Dawid ho no, wɔakyerɛw sɛ: “Baabiara a Saul bɛsoma no no, ɔyɛ ade nyansa mu,” kyerɛ sɛ ɔde nhumu di dwuma. Dawid hui sɛ na pii wɔ n’adwuma no mu sen adesamma akofofo ntam ntawntawdi ara kwa. Ohui sɛ na ɔne mmarima a wɔka ne ho no reko Yehowa ako ahorow. Enti, Dawid hwɛɛ Yehowa sɛ ɔbɛma no akwankyerɛ ne nhyira. (1 Samuel 17:45; 18:5, NW; 2 Samuel 5:19) Nea efii mu bae ne sɛ Dawid dii nkonim wɔ n’akodi ahorow no mu.

8. Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, adwene afoforo bɛn na adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase ‘nya nhumu’ no kura?

8 Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkyerɛ adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase ‘nya nhumu’ no ase nso sɛ ‘te ase’ ne ‘hu mu.’ (Romafo 3:11; Mateo 13:13-15; Efesofo 5:17) Nea Onyankopɔn de hyɛ ne nkoa bɔ ne tumi a wobetumi ayɛ saa nneɛma yi. Nanso ɔkwan bɛn so na ɔma wɔn nhumu a ɛte saa?

Sɛnea Yosua Nyaa Nhumu

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa nnipa no nhumu wɔ tete Israel?

9 Wɔ tete Israel no, Onyankopɔn hyɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa ne Mmara nkyerɛkyerɛ ɔman no. (Leviticus 10:11; Deuteronomium 33:8, 10) Mmara no fi Onyankopɔn home mu, na na Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma wɔ ahyehyɛde kwan so nhyehyɛe a na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ no so. (Malaki 2:7) Ɛdenam saa kwan yi so no, Yehowa ‘kyerɛɛ Israelfo no nyansa,’ sɛnea Nehemia 9:20 kyerɛ no.

10, 11. (a) Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Yosua 1:7, 8 no, dɛn na na ɛbɛboa Yosua na ɔde nhumu ayɛ ade? (b) Ɔkyerɛkyerɛ nsiesiei bɛn na na ɛho hia sɛ Yosua kyerɛ ho anisɔ? (d) Mmɔden bɛn na na ɛsɛ sɛ Yosua ankasa nso bɔ?

10 Nanso so na ankorankoro a wɔwɔ ɔman no mu de nhumu bedi dwuma? Ná sɛ wɔbɛyɛ saa a, na biribi ho hia wɔ wɔn fam. Bere a wɔde asɛyɛde hyɛɛ Yosua nsa sɛ onni Israel anim mfa wɔn nkɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woayɛ ade nyansa mu. Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na wobɛyɛ ade nyansa mu.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “yɛ ade nyansa mu” no kyerɛ nso sɛ “fa nhumu yɛ ade.”​—Yosua 1:7, 8, NW.

11 Ɔkwan bɛn so na na Yehowa de nhumu a ɛte saa no bɛma Yosua? Ɛnyɛ denam anwonwa kwan bi a ɔbɛfa so de ahyɛ ne mu so. Na Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no ne nea ɔnam so benya. Na ehia sɛ Yosua de hyɛ n’adwene ne ne komam, ɔkenkan na odwen ho daa. Sɛnea na Yosua nim no, Onyankopɔn Asɛm kae sɛ Lewifo no na wɔde Mmara no ho ɔkyerɛkyerɛ bɛma. Enti, na ehia sɛ Yosua gye eyi tom, ɔntew ne ho te sɛ nea ne nkutoo betumi ahu mu esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɔwɔ gyinabea a asɛyɛde wom wɔ ɔman no mu nti. (Mmebusɛm 18:1) Na ɛho hia sɛ Yosua de nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no. Sɛ ɔyɛ saa na wampow ne fã biara, na otie a, ɛno na afei ɔde nhumu bedi dwuma.​—Fa toto 1 Ahene 2:3 ho.

Sɛnea Yehowa ma Nhumu Nnɛ

12. Sɛ yebenya mfaso afi nhumu a Yehowa de ma yɛn no mu a, nneɛma abiɛsa bɛn na ɛhwehwɛ?

12 Ɛde besi yɛn bere yi so tɔnn no, Yehowa akɔ so de akwankyerɛ a ne nkoa hia na ama wɔayɛ ade nyansa mu no ama wɔn. Sɛ yebenya mfaso afi saa akwankyerɛ no mu a, nneɛma pii na wɔhwehwɛ afi yɛn nkyɛn sɛ ankorankoro: (1) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ sɛnea Yosua yɛe no. Wɔ yɛn fam no, nea ɛka anisɔ a ɛte saa no ho ne wɔn a wɔasra wɔn, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne ne Sodikuw no Kristofo asafo no a yɛne wɔn bɛyɛ biako. (Mateo 24:45-47; fa toto 16:4 ho.) Na nea ɛka anisɔ a ɛte saa no ho ne nhyiam horow a yɛbɛkɔ daa. (Hebrifo 10:24, 25) (2) Ɛsɛ sɛ yɛde nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm no ne nhoma ahorow a “akoa” kuw no de ama a ɛboa yɛn ma yɛte ase no wɔ kokoam. (3) Ɛho hia nso sɛ yegye bere de dwen sɛnea yebetumi de nneɛma a yesua no adi dwuma wɔ yɛn asetra mu na yɛde aboa afoforo no ho.

13. Bɔhyɛ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yeremia 3:15 no kyerɛ dɛn?

13 Yehowa kae wɔ ɔhwɛ ne honhom fam aduanma a ɔde bɛma yɛn wɔ yɛn bere yi so no ho wɔ Yeremia 3:15 sɛ: “Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.” Ampa, saa honhom fam aduanma yi bɛma yɛn tumi a ɛyɛ nwonwa ma yɛde ahwɛ tebea horow na yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so no mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi yiye. Hena ne saa nhumu no fibea? Yehowa Nyankopɔn.

14. Dɛn nti na ‘akoa nokwafo’ kuw no wɔ nhumu?

14 Dɛn nti na ‘akoa nokwafo’ no wɔ nhumu a ɛte saa? Efisɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm no ayɛ ade a ɛho hia wɔn kɛse sen biara na wodi n’akwankyerɛ akyi. Bio nso, esiane sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yehowa akwankyerɛ ase nti no, ɔde ne honhom agu wɔn so, na ɔde wɔn di dwuma ma ɛne n’atirimpɔw ahorow hyia. (Luka 12:43, 44; Asomafo no Nnwuma 5:32) Sɛnea odwontofo a honhom kaa no no kae bere tenten ni no: “Mewɔ nhumu mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, efisɛ w’adansesɛm ne m’adwene.”​—Dwom 119:99, NW.

15. (a) Aba a ɛwɔ afotu a “akoa” kuw no de ma yɛn daa no mu ne dɛn? (b) Mfe pii ni no, ɛyɛɛ dɛn na “akoa” kuw no tumi de “nimdeɛ ne nhumu” a ehia no mae wɔ Kristofo adwene wɔ mogya a wɔde ma ho no ho?

15 Wɔ nsemmisa a ɛfa nea ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho mmuaema mu no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atu fo bere nyinaa sɛ: ‘Fa nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no di dwuma. Fa wo ho to Yehowa so.’ (Dwom 119:105; Mmebusɛm 3:5, 6) Bere a mogya a wɔde ma bɛyɛɛ nnuruyɛ mu ayaresa kwan a wɔpene so na ɛbɛyɛɛ ɔsɛmpɔw a esi Yehowa Adansefo anim no, July 1, 1945 Watchtower no kyerɛkyerɛɛ Kristofo adwene wɔ kronn a mogya yɛ ho no mu. Ɛkyerɛe sɛ na mmoa ne adesamma nyinaa mogya wɔ ɔsoro mmara no mu. (Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Wɔanka nea ebetumi afi mu aba wɔ honam fam no ho asɛm wɔ asɛm no mu; na saa nneɛma no ho nimdeɛ nnɔɔso saa bere no. Na ɔsɛmpɔw no ankasa ne Onyankopɔn mmara ho osetie, na ɛte saa ara nnɛ. Ɛnnɛ, nnipa pii hu nyansa ankasa a ɛwom sɛ wɔpow mogya a wɔde ma no na pii a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa na wɔreyɛ saa. Nanso Yehowa Adansefo atumi de nhumu ayɛ ade bere nyinaa efisɛ wɔde wɔn ho to Ɔbɔadeɛ a onim mogya ho asɛm sen sɛnea ɔdesani biara nim koraa no so.

16. Dɛn nti na afotu a wɔde ma wɔ Ɔwɛn-Aban no mu wɔ nsɛm te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho abrabɔ, mmusua a awofo no nni ahokafo, ne adwenemyare ho no ada adi sɛ ɛne nea wohia no ankasa no?

16 Esiane sɛ biribiara a wɔma ho kwan wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ ho no abu so kɛse nti, sɛ́ anka Ɔwɛn-Aban no bɛfoa nea aba so no so no, ɛde akwankyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so ama. Eyi reboa pii ma wɔabɔ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛsom bo kɛse no ho ban na wɔde wɔn ani asi anigye a ɛtra hɔ daa so mmom sen sɛ wɔde besi anigyede ahorow a etwam ntɛmntɛm ara kwa so. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a wɔkyerɛw maa mmusua a awofo no nni ahokafo ne wɔn a wodi adwenemyare ho apere no ada nhumu a wɔn a Yehowa nsusuwii ahorow som bo ma wɔn na wɔbɔ mpae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn” no nkutoo na wobetumi anya no adi.​—Dwom 143:10; 139:17.a

17. (a) Dɛn na na Yehowa Adansefo adi kan ahu mfe du du pii wɔ afe 1914 ho? (b) Ɛwom sɛ na nsɛm pii a na Onyankopɔn nkurɔfo da so ara wɔ ho nsemmisa wɔ hɔ de, nanso dɛn na na wonim a ɛde wɔn asetra mu akwankyerɛ pa maa wɔn?

17 Ɛdenam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so no, Yehowa boaa ne nkoa ma wodii kan hui, wɔ mfe du du pii mu, nso sɛ na afe 1914 bɛhyɛ Amanaman Mmere no awiei agyirae. (Luka 21:24, King James Version) Nokwarem no, bere a wɔhyɛn bere a edii Wiase Ko I akyi no mu no, na nsemmisa a ɛhaw wɔn adwene wɔ hɔ. Nanso na nea wonim no dɔɔso a ɛbɛma wɔayɛ ade nyansa mu. Na wonim fi Kyerɛwnsɛm no mu sɛ Onyankopɔn bere a ɛsɛ no adu sɛ wɔbɛsɛe nhyehyɛe dedaw no; enti na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobenya mu anidaso anaasɛ wɔbɛma ne honam fam yiyedi gyinapɛn ahorow no akyerɛ wɔn asetra kwan. Na wonim nso sɛ Yehowa Ahenni no ne nsɛnnennen a ɛka adesamma no nyinaa ano aduru ankasa. (Daniel 2:44; Mateo 6:33) Wohui pefee sɛ ɛyɛ nokware Kristofo nyinaa asɛyɛde sɛ wɔbɛbɔ Yehowa Hene a wasra no, Yesu Kristo, ne N’Ahenni no dawuru. (Yesaia 61:1, 2; Mateo 24:14) Wɔ 1925 mu, ɛdenam Watchtower mu asɛm “Ɔman no Awo” so no, wɔde Adiyisɛm ti 12 mu ntease a emu da hɔ hyɛɛ wɔn den; enti afei wɔtee nea na akɔ so wɔ soro a ɔdesani aniwa anhu no ase. Nhumu a ɛte saa no ma wonyaa wɔn asetra mu akwankyerɛ pa.

18. Hokwan ne asɛyɛde bɛn na yɛwɔ mprempren, na asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

18 Bere a ɔpepem kakraa bi a na wɔresom Yehowa saa bere no sɛ n’adansefo de gyidi reyɛ ade no, wodii Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpaka no anim de koduu asase so mmaa nyinaa. Nea afi mu aba ne sɛ nnipa ɔpepem pii abehu Yehowa na wɔanya ɔdɔ ama no na wɔwɔ daa nkwa ho anidaso. Wɔakyerɛ yɛn a yefi wɔn ɔdɔ nnwuma no mu abehu nokware no nyinaa sɛ yɛn nso yɛwɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ yenya adwuma no mu kyɛfa, na yedi obiara a yebetumi adu ne nkyɛn adanse fefeefe na yɛkɔ so yɛ saa kosi sɛ Yehowa bɛka sɛ wɔawie adwuma no. (Adiyisɛm 22:17; fa toto Asomafo no Nnwuma 20:26, 27 ho.) So sɛnea wode w’asetra redi dwuma no di adanse sɛ w’ani sɔ nhumu a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ama no?

19. (a) Ma obi a n’asetra da anisɔ ma nhumu a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma no adi ho nhwɛso biako. (b) Dɛn na yebetumi asua afi saa nhwɛso no mu?

19 Ankorankoro a wɔka bom yɛ nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so no nyinaa asetra di adanse sɛ wɔ wɔn fam no, mmuae no yɛ yiw. Sɛ nhwɛso no, susuw John Cutforth ho. Bɛyɛ mfirihyia 48 ni no, otiee Kyerɛwsɛm mu afotu yi a na ‘akoa nokwafo’ kuw no retwe adwene akɔ so saa bere no sɛnea ɛyɛ nnɛ no na ɔyɛɛ ho ade: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. Enti munnnwinnwen ɔkyena ho.” Bere a Onua Cutforth anya Yehowa som mu osuahu mfe pii akyi no, ɔkae sɛ: ‘Nneɛma a aka m’adwenem wɔ ɔkwan a tumi wom so no mu biako ne sɛ Yehowa wɔ ahyehyɛde wɔ asase so a ɔkyerɛ no kwan, sɛ me nso metumi ne saa ahyehyɛde no ayɛ adwuma, ne sɛ sɛ midi n’akanni ne n’akwankyerɛ akyi a, ɛbɛma manya asomdwoe, abotɔyam, akomatɔyam, ne nnamfo pii, a nhyira afoforo a ɛsom bo pii ka ho.’ Wakɔ so ahyɛ saa gyidi no mu den bere a wanya asetra a honhom mu nhyira horow ahyɛ no ma mu anigye wɔ United States, Canada, Australia, ne Papua New Guinea no.b Ampa, ɔkwan a nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa fa so ne nea ɛda anisɔ ma nea Yehowa nam so ma ne nkurɔfo nya nhumu no adi no.​—Mateo 6:19-21.

Bɔ Nhumu a Ebetumi Afi Wo Nsa no ho Ban

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na ebinom ahwere Onyankopɔn nhumu a bere bi na wɔwɔ no? (b) Dɛn na ɛbɛboa abɔ yɛn ho ban afi adeyɛ a opira wom ho?

20 Nhumu a Yehowa de ma no yɛ akorade a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ sɛ yɛankɔ so annantew ɔkwan a ɛboaa yɛn ma yenyaa Onyankopɔn nhumu no so a, ebetumi afi yɛn nsa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛno pɛpɛɛpɛ ne nea ato ebinom. (Mmebusɛm 21:16; Daniel 11:35) Bere a wɔpow nteɛso a na ɛka wɔn ankasa no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ nea na wɔyɛ no teɛ. Ahantan sum wɔn afiri. Wofii ase buu nea Onyankopɔn asɛm kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne no papa, na wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ahyehyɛde no ho. Awerɛhosɛm bɛn ni!

21 Wɔkyerɛkyerɛ onipa a ɔte saa no tebea no mu wɔ Dwom 36:1-3, faako a yɛkenkan sɛ: “Ɔbɔnefo mmarato kasa wɔ ne koma mu.” Ɛkyerɛ sɛ n’ankasa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ne nsusuwii gyigye no kɔ mmarato mu. Odwontofo no toa so sɛ: “Onyankopɔn suro biara nni n’ani so. Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi. N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa.” Na dɛn na efi mu ba ma no? ‘Ogyae nhumu sua ne papayɛ.’ Ogye ne ho di ankasa sɛ nea ɔreyɛ no teɛ, na ɔdaadaa afoforo ma wodi n’akyi. Ɛnde, ɛho hia dɛn ara sɛ ɛnyɛ nhumu nko na ɛsɛ sɛ yenya na mmom ɛsɛ sɛ yɛkora so denam anisɔ a yɛbɛkyerɛ ama nea Yehowa nam so ama yɛatumi anya no so!

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Watch Tower Publications Index 1930-85 mu wɔ “Marriage,” “Families,” “Moral Breakdown,” ne “Depression (Mental)” ase.

b Hwɛ June 1, 1958 Watchtower, nkratafa 333-6.

Dɛn na Wokae?

◻ Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae ahorow a nyansa wom?

◻ Dɛn na ɛka “nhumu” ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma ne nkurɔfo nhumu wɔ yɛn bere yi so?

◻ Sɛ yebenya nhumu a Yehowa de ma no mu mfaso kɛse a, dɛn na ɛhwehwɛ wɔ yɛn fam?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Sɛ yebenya mfaso afi nhumu a Yehowa de ma no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma n’ahyehyɛde no, yɛyɛ nsi wɔ kokoam adesua mu, na yedwen sɛnea yɛde nea yesua no bedi dwuma no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena