“Hena Na Wabehu Yehowa Adwene?”
“Na ‘hena na wabehu Yehowa adwene, anaa hena na wabɛyɛ ne fotufo?’”—ROMAFO 11:34; YESAIA 40:13, Hela Septuagint Version.
1. (a) Asemmisa a emu yɛ den bɛn na Paulo fa fii Yesaia 40:13? (b) Ɔkwan bɛn so na n’asɛm no mu asɛntitiriw bi yɛ soronko wɔ mfitiase Hebri de no ho?
BƐBORO mfirihyia 2,700 a atwam ni no wɔde asemmisa no too tete Israel man no anim, sɛnea obi a na anka ɔyɛ Yudani Farisini fa kae wɔ ne krataa mu wɔ Romafo 11:34 no: “Na ‘hena na wabehu Yehowa adwene, anaa hena na wabɛyɛ ne fotufo?’” Ɔsomafo Paulo faa asemmisa no fii sɛnea wɔkaa no wɔ tete Hela Septuagint Version no mu wɔ Yesaia 40:13 no, na saa nkyerɛase yi de asɛmfua “adwene” (nous) na edi dwuma na ɛnyɛ asɛmfua ma “honhom” mmom sɛnea wohu wɔ mfitiase Hebri de no mu no.
2. Yɛte onipa “adwene” no ase dɛn? Yɛ ho nhwɛso.
2 Ɛnde afei dɛn na asɛm a efi honhom mu a ɛne.”Yehowa adwene” no kyerɛ? Wɔ yɛn fam sɛ adesamma a wɔyɛ abɔde no, adwene no gyina hɔ ma nneɛma ho a yesusuw. Sɛ nhwɛso no, yetumi ‘yɛ yɛn adwene’ ma yenya “adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu” no bi. (Filipifo 2:5; hwɛ Genesis 11:6 nso.) Adwene a yɛde susuw nneɛma ho no korɔn sen aboa biara de.
3-5. (a) Dɛn na Yesaia 55:8, 9 kyerɛ wɔ Yehowa “adwene” ho? (b) Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kaa asɛm a wɔakyerɛw wɔ Romafo 11:33 no? (d) Bere a ɔsomafo no kaa asɛm a ɛwɔ Romafo 11:34 no na ɔkyerɛ dɛn? (e) Dɛn nti na akyerɛwfo na wɔwɔ hɔ ansa na Kristofo mmere no reba no antumi anhu Yehowa “adwene”?
3 Nea ɛwɔ Yehowa Nyankopɔn, ɔbɔadeɛ no adwene mu no korɔn koraa sen nea ɛwɔ adesamma a yɛyɛ abɔde a yɛnyɛ pɛ adwene mu anaa nea yebetumi asusuw ho no. Ɔtwe adwene si nokwasɛm titiriw yi so wɔ Yesaia 55:8, 9 nkɔmhyɛ no mu, faako a wɔakyerɛw sɛ: “Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, [Yehowa] asɛm ni; na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.” Enti, ɔbɔ ne tirim wɔ biribi a eye sen nea yɛn a yɛyɛ abɔde wɔ asase so ha betumi asusuw ho pɛn biara ho ma n’abɔde a wɔyɛ nnipa, titiriw wɔn a wɔne no ba apam abusuabɔ mu no. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a “amanaman mu somafo” no aka Yehowa nhyehyɛe no fã a ɛda nsow ho asɛm ne sɛnea wɔredi ho dwuma akyi no, ɛkãa no ma ɔkae sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.” (Romafo 11:13, 33) Nokwarem, onipa biara nni hɔ a wadi kan ahwehwɛ Onyankopɔn akwan mu ama no. Enti, ɔsomafo a honhom kaa no no kɔ so ka asɛm yi: “Na ‘hena na wabehu Yehowa adwene [noun], anaa hena na wabɛyɛ ne fotufo?’” (Romafo 11:34) The Jerusalem Bible no kenkan wɔ ha sɛ: “Hena na obetumi ahu Awurade adwene? Hena na obetumi ayɛ ne fotufo?”
4 Ɔsomafo no asɛm no nkyerɛ sɛ bere a Onyankopɔn ada nea ɛwɔ n’adwene mu adi no, onipa rentumi nhu anaa ɔrentumi nte N’adwene no ase. Dabi! Efisɛ Onyankopɔn ada n’adwene adi akyerɛ yɛn a yɛyɛ nnipa yi wɔ n’Asɛm a efi honhom mu, Kyerɛw Kronkron no mu. Nea ɔsomafo no kyerɛ ne sɛ, onipa biara nni hɔ a obetumi afi n’ankasa mu adi kan de ne nsusuwii adi Onyankopɔn ankasa adwene anaa n’atirimpɔw ho dwuma anaa ɔno ankasa bɛyɛ ade koro no ara bi. Bere a Onyankopɔn ankasa nyii nneɛma adi no, ɛnnaa adi sɛ onipa bi ayɛ saa. Ɛnde ɛyɛ nokware sɛ ansa na wɔreyi adiyi kronkron a ɛwɔ Bible mu no adi no na obiara nni hɔ a onim “Yehowa adwene.” Nnipa a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba a wɔkyerɛw Kyerɛw Kronkron no mu nhoma 39 a edi kan no mu biara antumi anhu a Mose a ɔde mmara no mae no mpo ka ho.
5 Sɛ nhwɛso no, obiara antumi ante nea na ɛwɔ Yehowa adwene mu no ase, bere a ɔne Abraham ne n’asefo dii no, na obiara antumi ante sɛnea na ɛnonom nyinaa fa nsɛm a esisii afeha a edi kan Y.B. mu ho no ase.
Yehowa “Adwene” Wɔ “Ngo Dua” No Ho
6. (a) Bɔhyɛ bɛn na na Paulo reka ho asɛm wɔ Romafo ti 11 no? (b) Ɔkwan bɛn so na Abraham nyaa ɔdom kɛse, na esiane dɛn nti?
6 Wɔ Romafo ti 11 no, na ɔsomafo no aka “Abraham aseni” a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no ho asɛm abesi nkyekyem 34. Sɛnea Mose kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 12:3 ne 22:17, 18 kyerɛ no, Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ obehyira agyapanyin Abraham a na wabɔ akora no denam obi a ofi ne mu, anaa “aseni” bi so; aseni yi mu, anaa denam ne so na Abraham Nyankopɔn no behyira mmusua ne aman horow a wɔwɔ asase so nyinaa wɔ ne bere a ɛsɛ mu. Bɔhyɛ kɛse a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne difo bɛn ara ni, na gyidi ne osetie ho akatua bɛn ara na na ɛyɛ ma Abraham sɛ ɔbɛyɛ saa bɔhyɛ no difo!
7. (a) Dɛn na “ngo dua” ankasa no afa horow no gyina hɔ ma? (b) Hokwan bɛn na na “nnubaa” no wɔ? (d) Ɛdefa “asefo” no ho no, dɛn na ɛwɔ Yehowa “adwene” mu a afei na na ɔrebeyi no adi?
7 Ɔsomafo no de nea na ɛwɔ Yehowa adwene mu mfitiase no toto ngo dua, dua a wonim no yiye wɔ n’ankasa asase Israel so, a wosiesie ho. Nea ɛne mfonini yi hyia no, na ngo dua ankasa yi ntini ne Abraham. ‘Dutan a efifi fii Abraham a ɔyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ntini no mu ne ne dɔba Isak, ne ba-nana Yakob, anaa Israel, ne Yakob mma 12 a wɔyɛ Israel mmusuakuw 12 no agyanom no. Wɔ awo mu no na agyanom mpanyimfo 12 no asefo nyinaa yɛ nnubaa wɔ saa ngo dua ankasa no so. Ɛno nti na wɔfata tẽe sɛ wɔbɛba abɛyɛ “Abraham asefo” a wɔahyɛ wɔn ho bɔ a wɔnam wɔn so behyira mmusua ne aman a wɔwɔ asase so nyinaa sɛnea Yehowa dɔ atirimpɔw anaa ‘n’adwene’ te no. Nanso nea wɔanhu wɔ “asefo” yi ho ne sɛ wɔrenyɛ honam fam asefo denam agyapanyin Abraham asefo ankasa so, efisɛ na wɔbɛyɛ honhom mu “asefo.” Enti na wɔn agya bɛyɛ obi a ɔyɛ kɛse sen Abraham, ɔkorɔn sen no. Ná eyi renyɛ obi foforo biara sɛ Nkwa-Mafo kɛse, Yehowa Nyankopɔn ankasa. Afei hena na na ɔbɛyɛ “asefo” yi mu otitiriw no?
8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ Obi a ɔyɛ kɛse sen Isak? (b) Dɛn nti na na Yesu afɔrebɔ ne ne soro wusɔre no ho hia wɔ asase so mmusua nyinaa a wobehyira wɔn no mu?
8 Ná oyi yɛ kɛse sen Isak, Abraham nkwakora berem ɔba no. Ná ɛyɛ “onipa Kristo Yesu” a ɔyɛ Isak aseni nanso ɔyɛ kɛse sen Isak ne ne ba Yakob, anaa Israel, ne Yakob mma 12, Israel man no nhyɛase 12 no. (1 Timoteo 2:5) Ná akokoaa a wɔbɛfrɛ no Yesu no yɛ “Onyankopɔn Ba” efisɛ Yehowa Nyankopɔn honhom na ɛde no bɛhyɛɛ ne na ɔbaabun Maria awotwaa mu. Nokwarem no, woyii ne nkwa fii honhom atrae hɔ bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu, na na ne kunu Yosef yɛ Yesu asase so agya a ɔhwɛɛ no ara kwa. (Luka ti 1-3) Nanso, sɛnea nneɛma bɛdaa adi no, Yesu ammɛyɛ obi a ohyiraa asase so mmusua ne aman nyinaa bere a ɔyɛ onipa wɔ asase so no. Ampa, ɛdenam ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ a bɔne biara nni mu wɔ Kalvari a ɛwɔ Yerusalem kurow no akyi wɔ 33 Y.B. mu no so no, na Yesu betumi ayɛ nhyira ama adesamma nyinaa. Nanso ne wu akyi nnansa wɔ 33 Y.B. mu no, Yehowa Nyankopɔn, ne soro Agya no nyanee no fii awufo mu na ɛno akyi no ɔsan kɔɔ soro sɛ Onyankopɔn Ba wɔ honhom mu. Ɛhɔ na ofi hyira asase so mmusua ne aman nyinaa.
9. (a) Afei sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua no nya nkyerɛase kɛse bɛn? (b) Honhom mu nnubaa no dodow yɛ ahe, na yɛyɛ dɛn hu? (d) Ɔkwan bɛn so na Galatifo 3:28, 29 ma yenya “nnubaa” yi ho ntease?
9 Wɔ eyi mu no ɔsomafo no mfatoho a ɛfa ngo dua ho no nya nkyerɛase foforo a ɛyɛ nea ɛso. Saa honhom mu ngo dua no “ntini” no ba bɛyɛ Yehowa Nyankopɔn, nnipa nyinaa Nkwa-Mafo Kɛse no, Nea ɔyɛ kɛse sen agyapanyin Abraham no. Abraham Kɛse yi Ba a ɔwoo no koro no ne Yesu Kristo, Nea ɔyɛ kɛse sen Isak no. Saa Isak Kɛse yi ne Kristofo asafo a wɔde Abraham Kɛse no honhom awo no no Ti. Kristofo asafo no mufo ne honhom mu nnubaa a efi teokrase ngo dua yi mu ba no, na sɛnea Adiyisɛm 7:1-8 ne 14:1-3 kyerɛ no, awiei koraa no wɔn dodow bɛyɛ 144,000. Ɛno nti na yɛkenkan wɔ Galatifo 3:28, 29 sɛ: “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu. Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.”
10. (a) Henanom na na wodi kan a wɔwɔ hokwan sɛ wɔbɛba abɛyɛ honhom mu nnubaa? (b) Eyinom mu henanom na ‘wogyee wɔn nkwa,’ na ɔkwan bɛn so na Paulo faa nkɔmhyɛ bi kae de yɛɛ eyi ho nhwɛso?
10 Esiane sɛ na Yudafo a wɔwɔ hɔ wɔ Yesu bere so no yɛ ne nuanom fi awo mu nti, na wɔyɛ agyapanyin Abraham asefo ankasa a wɔne wɔn a wodi kan sɛ wɔbɛyɛ “nnubaa” wɔ honhom mu ngo dua no so. Ná wɔwɔ Mmara apam a wɔne Abraham Kɛse no yɛe denam ntamgyinafo Mose so no mu. Yesu Kristo amma obiara nkyɛn wɔ asase so tẽe sɛ “Israel fi nguan a ayera no nkyɛn.” (Mateo 10:6) Enti wɔn a wodii kan bɛyɛɛ “nnubaa” wɔ saa honhom mu ngo dua a ne ntini ne Yehowa Nyankopɔn no so yɛ Yudafo ankasa, Yesu Kristo asomafo anokwafo 12 no ne afoforo mpempem pii. Nanso Yudafo ankasa no ‘nkaefo’ kakraa bi na ‘wogyee wɔn nkwa’ ma wɔbɛyɛɛ Abraham Kɛse no asefo ma wɔbɛyɛɛ ne “bɔhyɛ” no adedifo sɛnea wɔka too hɔ wɔ Yesaia 10:22 no. Paulo faa nkɔmhyɛ yi kae wɔ Romafo 9:27.
11. (a) Bere bɛn na woyii wɔn a wobetumi abɛyɛ “nnubaa” no fii hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde nwuram ngo dua “nnubaa” bɛhyeem afei, na ngo dua bɛn mu na wɔde hyɛe?
11 Yi a woyii wɔn a wobetumi abɛyɛ “Abraham asefo” “nnubaa” no fii hɔ no fii ase bere a Samariafo twetiatwafo nyaa adwensakra no, na emu bɛyɛɛ den kɛse wɔ Yesu Kristo, Isak Kɛse no wu ne ne wusɔre akyi mfirihyia abiɛsa ne fã. Saa bere no mu na Petro maa Amanaman muni momonotoni gyidini a odi kan, Roma asraafo ha so panyin, Kornelio ne n’abusua ne ne nnamfo gyidifo nyaa adwensakra, na bere a wɔde Yehowa honhom awo wɔn na wɔasra wɔn akyi no, wɔbɔɔ wɔn asu. (Asomafo no Nnwuma, ti 10) Enti wɔde “nnubaa” a efi wuram ngo dua so hyehyɛɛ honhom mu ngo dua a Yehowa Nyankopɔn ne ne “ntini” a ɛma nkwa no mu.
12. (a) Sɛ “nnubaa” a wɔatwa wɔn agu no bi sakra a, dɛn na ɛbɛba? Yɛ ho nhwɛso. (b) Eyi yɛɛ dɛn ho nhwɛso? (d) Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa “adwene” a ɛte sɛɛ a wɔda no adi no so dɛn?
12 Nanso sɛ Yudafo ankasa a wotwaa wɔn kyenee no bi resan asusuw nneɛma ho na wɔanya adwensakra te sɛ Akwila ne Priskila a, wɔbɛsan de wɔn ahyɛ honhom mu hokwan a efii Yudafo man no nsa esiane Isak Kɛse, Yesu Kristo mu gyidi a wonni nti no mu bio. (Asomafo no Nnwuma 18:1-4, 26; Romafo 16:3; 1 Korintofo 16:19) Eyi yɛ Yehowa Nyankopɔn, Abraham Kɛse no dɔ ayamye ho nhwɛso. Ayamye kɛse a ɛte sɛɛ a Yehowa Nyankopɔn yii adi wɔ Yudafo ankasa a esiane wɔn tete agyanom nti na Onyankopɔn dɔ wɔn ara ho no na ɛkaa ɔsomafo no ma ɔkae sɛ, “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!” no. So Yehowa “adwene” a wɔayi no adi yi kanyan yɛn nso ma yefi koma mu nya ho anisɔ?
Obi Koma Nyinaa Ne N’adwene Nyinaa A Ɔde Bɛdɔ Onyankopɔn
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nam de Mmara no mae, na atirimpɔw bɛn nti? (b) Dɛn na Yesu kae wɔ saa Mmara no ho, na “koma” bɛn na ɔreka ho asɛm wɔ ha? (d) Mmara ahorow abien bɛn na Yesu fa kaa asɛm no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi so?
13 Agyapanyin Abraham asefo ankasa, Israel man no, na Yehowa Nyankopɔn ne wɔn yɛɛ apam a na odiyifo Mose yɛ ne ntamgyinafo. Ɛno yɛ bere pii a atwam no mu wɔ afe 1513 A.Y.B. mu wɔ sare no so ne wɔ Bepɔw Sinai ho. Ɛhɔ na ɔde ne Mmara maa wɔn. Ɛdefa Mmara yi ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan, na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem.” (Galatifo 3:24) Afei dɛn na Kristo Yesu kae wɔ Mmara a wɔnam Mose so de mae no ho? Bere a wobisaa no nea ɛyɛ “mmara no mu kɛse” no, Yesu buae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma [Hela: kar·diʹa] nyinaa mu ne wo kra [psy·kheʹ] nyinaa mu ne w’adwene [di·a·noiʹa] nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa sɛn.” (Mateo 22:35-40) Ɛha no, wɔka koma no ho asɛm de toto adwene no ho a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so “koma.”
14 Ná Yesu refa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:5 no aka wɔ hɔ, sɛ: “Na fa wo koma [Hebri: le·bab] nyinaa ne wo kra [ne’phesh] nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.” Ne afei nso, fi Leviticus 19:18: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene [Yehowa].” Enti Yesu kyerɛe sɛ saa abien no ne Mose Mmara apam no mu akɛse. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nni Mose Mmara no ase, nanso saa nneɛma atitiriw a wɔhwehwɛ no nyɛ nea atwam. Ɛsɛ sɛ yedi so.
15. (a) Dɛn na ɛkanyan koma ankasa no, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ adwuma? (b) Abusuabɔ bɛn na koma ankasa ne amemene ne adwene no wɔ?
15 Yenim sɛ “nkwa honhom” na ɛma koma ankasa no ka ne ho. (Adiyisɛm 11:11; Genesis 7:22) Nkwa tumi yi na ɛkanyan onipa a ɔte ase koma ma ɛbɔ nkwa mogya kɔ nipadua no afã horow nyinaa a amemene no ka ho. Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Ɔhonam nyinaa kra [ne’phesh] de, ne mogya ne ne kra, enti na mise Israelfo sɛ: Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya.” (Leviticus 17:14) Sɛ nipadua no nyinaa bɛkɔ so atra ase a, ɛsɛ sɛ koma ankasa no bɔ mogya a ɛma nkwa no kɔ n’afã horow nyinaa, sɛ́ mogya a edi akɔneaba yi yɛ nea ɛnam koma ankasa a Onyankopɔn de maa obi no so, anaasɛ ɛyɛ nea wɔayi afi obi mu abɛhyɛ mu so anaa denam biribi a ɛnyɛ koma ankasa a nnuruyɛfo ayɛ so. Enti ɛbɔ mogya kɔ amemene no mu, ɛkanyan biribi a esusuw nneɛma ho no na adwene no yɛ adwuma. Enti ɛyɛ nea ɛda adi sɛ koma ankasa no na ɛyɛn amemene no denam mogya a nkwa tumi a ɛyɛ adwuma, “nkwa honhom” wom a ɛde ma no no so. Ɛmfa ho sɛ obi susuw ho anaasɛ dabi no, koma no kɔ so ara bɔ mogya ma amemene no ne nipadua no afã afoforo a aka nyinaa.
16. (a) Sɛnea Bible kyerɛ no, dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ yɛn hɔ wɔ Yehowa a yɛde yɛn ‘koma nyinaa’ bɛdɔ no no mu? (d) Ɔkwan bɛn so na yɛde yɛn “adwene” nyinaa dɔ no?
16 Nanso ma yɛnhwɛ nea ɛsen koma ankasa no. Sɛnea wɔde adi dwuma wɔ Bible mu no, koma no gyina hɔ ma baabi a biribi fi kanyan obi, ne nkate ahorow nso. Eyi ne sɛnkyerɛnne kwan so koma a ɛkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ wɔ yɛn mu no. Wɔ 1 Petro 3:4 no, wɔka ho asɛm sɛ “komam nipa a wahintaw” (NW) , “koma mu nipa a wasuma” (Revised Standard Version) , “onipa ko a woyɛ wɔ wo mu” (New International Version) . Enti ɛyɛ ‘koma no nyinaa’ na wɔahyɛ yɛn sɛ yɛmfa nnɔ Yehowa Nyankopɔn no. Wɔahyɛ yɛn nso sɛ yɛmfa yɛn kra nyinaa, yɛn nipadua nyinaa nnɔ Yehowa Nyankopɔn. Eyi hwehwɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛdɔ nokware Nyankopɔn teasefo koro, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa ayɛ Onyankopɔn apɛde a wada no adi no na yewie n’adwuma no koraa wɔ “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” yi mu. (Mateo 24:3, NW) Nea ɛka eyi ho no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn “adwene” nyinaa, nea yɛde susuw nneɛma ho no dɔ Bible no Nyankopɔn no.—Marko 12:29-31.
17. (a) Sɛ yɛde yɛn koma ne adwene nyinaa dɔ Yehowa a, awerɛhyem bɛn na yɛwɔ? (b) Sɛnea Filipifo 4:7 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomdwoe no bɛka yɛn koma ne yɛn adwene?
17 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛde yɛn koma ne yɛn adwene nyinaa da ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no adi a, n’ani begye ho sɛ obebua yɛn mpaebɔ, na saa awerɛhyem yi remma yɛnna nnwinnwen nneɛma ho. Yebenya anigye a basabasayɛ wiase yi ntumi nnya na wontumi nte ase no. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea ɔsomafo Paulo maa Kristofo adɔfo a wowɔ tete Filipi, Hela, no nyaa awerɛhyem no, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene [Hela: noun] nyinaa so no bɛhwɛ mo koma [kar·diʹas] ne mo adwene [no·eʹma·ta] so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:7) Enti yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no remfa ahopere nnkanyan yɛn wɔ nneɛma bɔne ho na ɛremma yennya nkate horow a ɛnteɛ, na adwene no renyɛ nea atu afra anaa akyinkyim. Kristoni bɛkɔ so anantew sɛnea Onyankopɔn Bible a efi honhom mu no kyerɛ a Ɔkannifo, Kristo Yesu, mmoa ka ho.
So Wubetumi Abua?—
◻ Dɛn na asɛm Yehowa “adwene” no kyerɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo de teokrase ngo dua no dii dwuma de yɛɛ Yehowa “adwene” no ho nhwɛso?
◻ Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so “koma” no?
◻ Ɔkwan bɛn so na “koma” ne “adwene” no ho asɛm wɔ Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no no mu?
[Kratafa 9 mfoni]
Teokrase ngo dua no: Wotwaa Yudafo asoɔdenfo “nnubaa” no gui, na wɔde Samariafo a wɔanya adwensakra ne Amanaman Mufo momonotofo hyɛɛ ananmu
[Kratafa 11 mfoni]
Koma ankasa no bɔ mogya a ɛma nkwa kɔ amemene no mu