Agyede No—Kristoman Ɔkyerɛkyerɛ A Ayera
AGYEDE no—gyidi a ɛne sɛ Yesu wu gyee adesamma abɔnefo—yɛ nokware Kristosom mu ade titiriw. Nanso Kristoman mu nyamekyerɛfo akasa atia ɔkyerɛkyerɛ no na wɔadi ho fɛw bere tenten.
Dɛn nti na ɛte saa? So Yesu ankasa anka wɔ Marko 10:45 sɛ: “Na onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii”?
Ebinom akyerɛ sɛ Yesu anka saa asɛm no da, na ɔsomafo Paulo nkɛntɛnso na ɛma wɔkaa saa asɛm no wɔ Yesu wu akyi. Afoforo gye akyinnye sɛ “agyede” a wɔka ho asɛm wɔ ha no yɛ kasakoa, anaasɛ ɔkyerɛkyerɛ no fi Helafo anansesɛm mu! Enti ɛkame ayɛ sɛ agyede no ayera wɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ mu.
Nanso, ebia wubebisa sɛ: “Kristofo a wodi kan no tee Yesu wu no ase dɛn? Paulo ka kyerɛ yɛn wɔ 2 Korintofo 5:14, 15 sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, onipa biako wu maa wɔn nyinaa, . . . na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” Hwɛ sɛnea nkyerɛkyerɛ yi asete yɛ mmerɛw yiye—nsakrae a asete yɛ den a akyiri yi asɔre nyamekyerɛfo bɛyɛ wom nnim koraa.
So ebetumi aba sɛ Paulo na ɔde nkyerɛkyerɛ yi bae? Dabi, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ mu wɔ 1 Korintofo 15:3 sɛ: “Na nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.” Ɛda adi sɛ bere tenten ansa na Paulo rekyerɛw ne nhoma ahorow no, na Kristofo te Yesu wu no ase dedaw sɛ ɛyɛ afɔrebɔ, bo ankasa a otuae de gyee adesamma abɔnefo, agyede bi. Afei nso, sɛnea Paulo kyerɛ no, wɔtee Kristo wu no ase sɛ ɛmaa “Kyerɛw nsɛm” baa mu, nkɔmhyɛ ahorow te sɛ Dwom 22 ne Yesaia 53 a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no anaasɛ “Apam Dedaw” no mu no.
Nsemmisa a Wommuae Ɛ
Sɛ wopaw sɛ w’ankasa wobɛhwehwɛ nokwasɛm no ahu a, wubehu sɛ awaefo nkyerɛkyerɛ baa Kristosom mu wɔ asomafo bere no akyi bere tiaa bi. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Timoteo 4:3, 4) Nanso, na wɔkɔ so ara gye Kristo agyede afɔrebɔ no di, sɛnea Asɔre no Tete Agyanom nhoma ahorow kyerɛ no. Nanso, bere a nyamekyerɛfo a wɔbaa akyiri yi binom hwehwɛɛ agyede ɔkyerɛkyerɛ no mu no, wɔmaa nsemmisa bi a ɛyɛ den sɔree, nsemmisa te sɛ wotua agyede no ma hena? Na dɛn nti na na ne tua ho hia?
Wɔ afeha a edi kan no mu no, Gregory a ofi Nyssa ne afoforo daa adwene a ɛkyerɛ sɛ wotuaa agyede no maa Satan Ɔbonsam no adi! Wogyee akyinnye sɛ na Satan de onipa ayɛ akoa, na wotuaa agyede maa no na ama wagyaa adesamma. Nanso, ne bere so ni a wɔfrɛ no Gregory a ofi Nazianzus hui sɛ mfomso kɛse bi wɔ ɔkyerɛkyerɛ yi ho. Ɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn de Ɔbonsam ka—nkwaseasɛm ankasa! Nanso adwene a ɛkyerɛ sɛ wotuaa agyede bi maa Ɔbonsam no amma awiei na ɛkɔɔ so traa hɔ mfehaha pii.
So ebetumi aba sɛ wotuaa agyede no maa Onyankopɔn ankasa? Gregory of Nazianzus tee nka sɛ ohuu ɔhaw ahorow wɔ nsusuwii yi mu nso. Esiane sɛ ‘yɛnyɛ [Onyankopɔn] nkoa’ nti, dɛn nti na ebehia sɛ wotua agyede bi ma no? Afei nso, ‘so Agya no ani betumi agye ne Ba no wu ho’ denam agyede bi a obegye so? Ɛte sɛ nea nsemmisa a ɛyɛ den a ɛsɔree no maa nkurɔfo adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ agyede no ankasa ho.
Agyede no Wu
Afei asɛm yi mu nhwehwɛmu a woyɛ no betumi de wo akɔ afeha a ɛto so 12 no mfiase. Anselm, Canterbury Sɔfo Panyin bɔɔ mmɔden sɛ obebua saa nsemmisa yi wɔ ne nhoma Cur Deus Homo (Nea Enti a Onyankopɔn Bɛyɛɛ Onipa) no mu. Nhoma no kyerɛkyerɛe sɛ Kristo wu no yɛɛ ɔkwan a wɔfaa so dii ɔsoro atɛntrenee ho dwuma, nanso na ɛnyɛ agyede. Anselm kyerɛe sɛ agyede so a wɔbɛfa de bɔne afiri a wɔrenni atɛntrenee ho dwuma no bɛkyerɛ sɛ wɔma bɔne kɔ so a wɔnyɛ ho hwee. Anselm kae sɛ: “Nanso Onyankopɔn rentumi nnyaw biribi a wonsiesie no wɔ N’Ahenni mu.” Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn siesiee nneɛma?
Anselm regye akyinnye sɛ ‘bɔne gu Onyankopɔn anim ase’ no, ɔkae sɛ na ɛrennɔɔso sɛ “wɔbɛsan de nea” Adam bɔne ma “efii hɔ no aba.” Esiane sɛ wɔayaw Onyankopɔn nti, agyede bi—onipa a ɔyɛ pɛ afɔrebɔ bi—sua. Ɔsɔfo no kae sɛ: “Sɛ yesusuw ɔyaw no ho a, ɛsɛ sɛ wɔsan tua nea ɛdɔɔso sen nea efii hɔ no.” [Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.] Anselm kyerɛe sɛ na eyi hwehwɛ sɛ obi a ɔyɛ “Onyankopɔn ne onipa” wu!
Nea ebia wobɛyɛ wɔ Anselm nkyerɛkyerɛ no ho mfa ho, ne bere sofo gye toom, na ɛda so ara nya nkurɔfo so nkɛntɛnso wɔ yɛn bere yi mu. Pɛnkoro pɛ, Anselm ahyɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no mu den, na wasɛe agyede no, anyɛ yiye koraa no wɔ Kristoman mu! Asɔfo no de “mpata” mmom dii dwuma, na nkakrankakra asɛmfua “agyede” no yerae. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ na Anselm nkyerɛkyerɛ no gyina nnaadaa nsusuwii so na ɛnyɛ Bible no. Bere twaam no, nhomanimfo te sɛ Thomas Aquinas fii ase de wɔn ankasa nyansa siesiee Anselm “mpata” ɔkyerɛkyerɛ no. Adwenkyerɛ buu so. Ogye ho nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ pii, na Kyerɛwnsɛm ho akyinnyegye dan yɛɛ nnipa nsusuwii, nyansapɛ, ne ahonhonsɛmdi de kɛse.
Ɔsesɛw Bere no ne Agyede No
Nanso, ma yentwiw mmɛn yɛn bere yi ho kakra. Bere a Protestantfo Ɔsesɛw Bere no mu ɔhaw no fii ase wɔ afeha 16 mu no, wɔtew kuw bi a emufo yɛ katee a wɔfrɛ no Sociniafo. Wɔkyerɛ sɛ Yesu wu no “amma yɛn nkwagye” wɔ ɔkwan biara so, na wɔkaa gyidi a ɛte sɛɛ no ho asɛm sɛ “atoro, nea mfomso wom, ne bɔne kɛse . . . ɛne Kyerɛwnsɛm ne ntease bɔ abira.” (Racovian Catechisme) Esiane sɛ Onyankopɔn fi ne pɛ de bɔne firi nti, atɛntrenee ho dwuma a wobedi ho nhia. Wɔkyerɛ sɛ Kristo wu no gyee nkwa, kyerɛ sɛ ɛkanyan nnipa ma wosuasua ne nhwɛso a ɛyɛ pɛ no.
Esiane sɛ na eyinom ne atuatew afoforo haw Katolek Asɔre no nti, ɛyɛɛ nea wɔde bɛsɔre atia, na ɛhyehyɛɛ Trent Bagua (fi 1545 kosi 1563 Y.B.) no. Nanso ɛwom sɛ wosii nkyerɛkyerɛ pii ho gyinae de, nanso na bagua no nsɛm a ɛkae wɔ agyede no ho no mu nna hɔ, na wɔanhyɛ da ansi ho gyinae. Ɛkaa ‘bo a Yesu Kristo som’ ho asɛm, na wɔde asɛmfua a ɛne “mpata” dii dwuma, nanso wɔde anidahɔ kɛse kwatii asɛmfua a ɛne “agyede” no. Enti, asɔre no ansi gyinae a emu da hɔ a egyina Kyerɛwnsɛm so. Adwenkyerɛ ahorow kɔɔ so kɛse.
Nea Enti a Nyamesom Akannifo Adi Nkogu
Efi bere a wɔtew Trent Bagua no, asɔfo—Protestantfo ne Katolekfo nyinaa—de agyede no ho nkyerɛkyerɛ pii asi hɔ. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7 no mu.) Nanso, wɔn adwene nnya nhyiae wɔ nea Kristo wu no kyerɛ ho. Asɔfo adwene hyia wɔ animtiaa a wobu Kyerɛwnsɛm mu asɛmfua a ɛne “agyede” no nkutoo ho, na wɔpɛ sɛ wobebu wɔn ani agu so, abu no animtiaa, anaasɛ wɔde nkyerɛkyerɛmu bɛbɔ agu. Wɔde nsɛm a abenfo nkutoo nim, atoro nsusuwii a wɔakyinkyim no, ne nsɛmfua akɛse te sɛ “abrabɔ mu nkɛntɛnso” ne “honam fam akomatɔyam ho nhwɛsode” na ɛkyerɛkyerɛ nea Kristo wu no kyerɛ no mu. Sɛ anka Kristoman asɔfo bɛma wɔanya Kristo wu mu gyidi mmom no, wɔama n’asɛndua no ayɛ hintidua a etu adwene fra.
Dɛn titiriw na ama wɔadi nkogu pasaa saa? Katolekfo sɔfo Boniface A. Willems kyerɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “wɔkyerɛkyerɛ” asɔfo “wɔ baabi a atew ne ho”—wɔatwe wɔn ho koraa afi nnipa no ahiade ankasa ho no na ama aba saa.a So worennye eyi ntom? Nanso, Yeremia 8:9 ka kɔ akyiri, na ɛtwe adwene si nea ɛde ɔhaw no ba ankasa so: “Hwɛ, [Yehowa] na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?”
Yegye tom sɛ agyede nkyerɛkyerɛ no betumi ama nsemmisa a ɛyɛ den bi asɔre. (2 Petro 3:16) Nanso sɛ anka asɔfo bɛhwehwɛ mmuae no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde nnipa nyansa ne ntease na adi dwuma. (1 Korintofo 1:19, 20; 2:13) Wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛpow Bible no afã horow a ɛne nea wosusuw—anaasɛ wɔn nkyerɛkyerɛ nhyia no. (2 Timoteo 3:16) Wɔama nkyerɛkyerɛ a enni Kyerɛwnsɛm mu te sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no anya nkɔso. (Yohane 14:28) Na nkogu kɛse a wɔadi ne sɛ wɔayɛ onipa nkwagye ade titiriw, na wɔabu ani agu nsɛm a emu ye duru a ɛfa Onyankopɔn din ne Ahenni no ho so.—Mateo 6:9, 10.
Agyede no ho Dawurubɔfo
Afei, yɛsrɛ wo sɛ dan wo nhwehwɛmu no kɔ 1800 no mu mfe a edi akyiri no so. Obi a osuro Onyankopɔn a ne din de Charles Taze Russell twee ne ho fii nyamekyerɛ atitiriw ho na ofii ase tintim nsɛmma nhoma yi—Ɔwɛn-Aban. Russell kae sɛ: “Ayɛ Agyede no dawurubɔfo titiriw fi nea edi kan no so.”
Ɔwɛn-Aban no akɔ so ayɛ saa de besi nnɛ. Bɛyɛ mfe ɔha ne akyi ni, ɛde Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm a ɛma wogye agyede no di ama, na ɛde Kyerɛwnsɛm mu mmuae a ntease wom abua akasatiafo mpoatwa ahorow. Enti, yɛto nsa frɛ wo mprempren sɛ san hwɛ nea Bible no ka wɔ Yesu wu ne nea ɛkyerɛ no ho bio.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Sociniafo—Dɛn Nti na Wɔpow Baasakoro No?” wɔ yɛn nsɛmma nhoma Awake! a wotintim no November 22, 1988 no mu.
[Adaka wɔ kratafa 7]
AGYEDE NO NKYERƐKYERƐ HO NHWƐSO AHOROW
◻ ƆKYERƐKYERƐFO PANYIN ANAASƐ ABAN NKYERƐKYERƐ: Hollandni sɔfo Hugo Grotius na ɔde eyi bae wɔ afeha 17 mu de kyerɛe sɛ Sociniafo nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Crotius buu Kristo wu no sɛ “mmara kwan so nhyehyɛe bi, Onyankopɔn ne Ɔkyerɛkyerɛfo Panyin anaasɛ Amrado, na onipa ne ɔbɛnefo no.”—Hastings’ Encyclopædia of Religion and Ethics.
◻ MPATA ƆKYERƐKYERƐ TITIRIW: Protestantni sɔfo Clarence H. Hewitt na ɔde adwene no bae wɔ 1946 sɛ wɔmfa nsi hɔ. Wammu Kristo adwuma no sɛ na ɔde tua mmara mu asotwe bi ho ka, na mmom sɛ ‘ɔde gyee yɛn fii bɔne ne owu tumi ase, na ɔde kanyan ahonu awerɛhowdi a eye, na ɔnam saayɛ so de yɛn aba fafiri tebea mu wɔ Onyankopɔn anim.’
◻ OGYE A ƐNAM KRISTOFO FEKUBƆ SO: Roman Katolekfo sɔfo Boniface A. Willems (1970) de “ogye” toto “ahopɛ a yebegyae na yɛabue yɛn komam ama yɛn ho yɛn ho ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Kristoni adwene a okura wɔ nsiananmu anaasɛ amane a obi hu ma ɔfoforo no ho ne sɛ obi hu n’ankasa ho sɛ ɔne adesamma abusua a bɔne adɔre wɔn yɛ biako. . . Asɔre no ne wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtra ase ayɛ adwuma soronko bi ama afoforo no yɔnko.”
◻ AFOFORO BƆNE HO ASOTWE A OBI GYE TO NE HO SO HO NKYERƐKYERƐ: Katolekfo sɔfo Raymund Schwager na ɔde adwene no bae wɔ 1978 mu sɛ wɔmfa nsi hɔ. Ɔpow adwene a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛma ‘wɔde aniwa asi aniwa ananmu.’ Obu Kristo afɔrebɔ no sɛ ahotew bi a ɛma adesamma abusua no yi nneɛma fi wɔn mu—ma enti—woyi wɔn mu basabasayɛ su a enye no fi wɔn mu.
◻ ASETRA NE AMAMMUI MU OGYE: Baptistfo sɔfo Thorwald Lorenzen kyerɛwee wɔ 1985 mu sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn hwehwɛ ɔsom mu fafiri nko ama ɔbɔnefo no kɛkɛ, na mmom nso amammui mu ogye ama ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no. . . . Enti, Yesu wu no da Onyankopɔn bi a odwen nnipa asetra afã horow nyinaa ayaresa ho adi.”
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Protestantfo ne Katolekfo nyamekyerɛfo ahyehyɛ ogye ne agyede ho nkyerɛkyerɛ pii, nanso dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ?