Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 2/8 kr. 27-28
  • Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Ka Kasafĩ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Ka Kasafĩ
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Abu So Saa?
  • Sɛnea Onyankopɔn Bu Kasafi
  • Pow Kasafi!
  • Kasa-Fĩ A Wɔka​—So Epira Obi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɛyɛ Bɔne Sɛ Wobɛka Kasafĩ Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Bere A Kasa-Fĩ Abu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Kwati Kasa a Epira
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 2/8 kr. 27-28

Bible No Adwene

Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Ka Kasafĩ

WƆKAA Wales BBC radio so dwumadi sohwɛfo bi anim sɛ wantwa “kasa a ɛho ntew” so amfi dwumadi no mu, bere a ɔrebisabisa ɔbarima bi a ɔne mmarima da, a sɛnea BBC kasamafo bi a wɔfaa n’asɛm kaa wɔ The Guardian atesɛm karataa mu kyerɛ no, “ɔde kasa a ɛho ntew koraa kyerɛkyerɛɛ nneyɛe a ebetumi ama obi anya AIDS mu,” nsɛm no. Bio nso, Britania TV nnwuma anan so dwumadi ahorow a wɔde adapɛn abien yɛɛ mu nhwehwɛmu no mu ɔha mu nkyem 22 na na “kasa a enye, kasafĩ, ne/anaa abususɛm” wom.

Atesɛm amanneɛbɔ mu nsɛm a ɛte sɛɛ da nneyɛe mu abirabɔ ankasa bi adi. Nnipa pii fam no, nkɔmmɔbɔ a kasafĩ wom pii no yɛ ahodwiriw na ɛhyɛ abufuw. Afoforo bu kasa a ɛte sɛɛ sɛ nea ɛyɛ dɛ na ɛtɔ asom ara kwa, na ɛnsɛe hwee. Nanso, so ɛsɛ sɛ Kristofo, a wɔne Nyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa ntam abusuabɔ som bo ma wɔn no, de kasafĩ di dwuma wɔ wɔn kasa mu?

Dɛn Nti na Abu So Saa?

Kasafĩ yɛ “kasa pɔtɔɔ a wɔtaa ka biara.” Abususɛnka, duabɔ, ne ntanka ba nkyerɛkyerɛmu yi ase. Kasafĩ da abufuw, anobow a wɔde bu fɔ mpo adi. Mary Marshall a ɔkyerɛw nhoma Origins & Meanings Oaths & Swear Words no ka sɛ “wɔtaa de ano ka ntam ne kasafĩ mmom sen sɛ wɔbɛkyerɛw.” Nanso, kasafĩ ahyɛ nhoma pii mã.

Dɛn nti na kasafĩ abu so saa? Nnipa binom a wonnim kasa bi mu nsɛmfua pii betumi de kasafĩ ka ahyɛ ananmu. Ebi nso ka kasa a enye de si nsɛm so dua. Sɛnea wɔkyerɛkyerɛ kasafĩ mu no, wɔtaa de bata nkate horow te sɛ ahiyi, abasamtu, ne abufuw ho. Nokwarem no, nnipa pii hyia sɔhwɛ tebea horow a, wɔma kwan ma asɛm bi pue fi wɔn anom ba sɛ “ɔkwan a wɔfa so yi nkate horow a ahyɛ wɔn so.” Nhwehwɛmufo Marshall se Engiresi kasa mu kasafĩ nsɛm a wahyehyɛ wɔ krataa so nnidiso nnidiso no mu nea ɛdɔɔso ne nsɛmfua a anom nnyigyei a ano yɛ den na efi ase.

Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea kasafĩ ka ma wɔn nkate mu ahotɔ de, nanso nnipa pii hu sɛ kasafĩ de kasafĩ ba. Dɛn nti na eyi te saa? Kasa a aporɔw kanyan nkate horow. Sɛ nhwɛso no, bere a mfiri a akyere so wɔ Afrika Atɔe Fam kuropɔn bi mu maa ɛhɔ yɛɛ begyabegya no, ofirikafo a ne bo afuw bi si fii ne kar mu de abufuw kɔkasa kyerɛɛ obi a ne kar asiw no kwan. Bere a abufuw no mu yɛɛ den no, wɔde kasafĩ sɛee hɔ nyinaa, na wɔn mu biara bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsen ne yɔnko wɔ ɔyaw mu. Mfirikafo afoforo a wɔaka santen no twee wɔn kɔn mu fii wɔn kar ahorow mu na wɔhyɛɛ wɔn a wɔreham no nkuran ma wɔkekaa afĩde pii.

Ɔyaw a ebu obi animtiaa betumi ama wɔaka kasa a ɛmfata. Ebia nea ɛka ho ne nsɛm a ɛde nea wɔka tia no no toto aboa anaa akoekoeboa mpo ho, animtiaabu nsɛm a ɛfa obi awofo ho anaa faako a ofi a ɛho wɔ asɛm, nsɛm bi a ɛtwe adwene si ɔhonam mu nneɛma ahorow bi so, ne, nea ɛnyɛ koraa no, kasafĩ, abususɛnka, ne nna mu ɔbrasɛe ho nsɛm a wɔka.

Sɛnea Onyankopɔn Bu Kasafi

Nokwarem no, edin kronkron no a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so no yɛ bɔne a anibere wom. Exodus 20:7 se: “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni dwuma ɔkwan a ɛmfata so.” (New World Translation) Nanso so mmara yi a obi bebu so no sɛe ɔne Nyankopɔn ntam abusuabɔ? Yiw; Mmara no toaa so sɛ: “Yehowa remma nea ɔde ne din di dwuma ɔkwan a ɛmfata so no nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

Bible no yɛ ntawntawdi a ɛbaa Israelni bi ne onipa foforo ntam ho kyerɛwtohɔ de kyerɛ sɛnea ahyɛde yi sodi ho hia. Nea ɔnyɛ Israelni no “kaa Din no ho abususɛm, na ɔdomee.” Onyankopɔn buu asɛm no ho atɛn dɛn? Ɔhyɛe sɛ: “Nea ɔka [Yehowa] din ho abususɛm no, okum na wonkum no.” (Leviticus 24:10-16) Ɛwom sɛ kyerɛwnsɛm mu nhwɛso yi nkyerɛ abususɛm a ɔkae no mu nsɛm pɔtee de, nanso ɛma wohu sɛnea Onyankopɔn bu kasa ne nneyɛe a ɛnkyerɛ obu no.

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nna yi ho nkɔm sɛ “mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ . . . abususɛnkafo [Hela, blaʹsphe·moi], . . . Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!” (2 Timoteo 3:1, 2, 5) Hela asɛmfua bla·sphe·miʹa no kyerɛ nneɛma pii sen nsɛm a ɛnkyerɛ obu a wɔka tia nneɛma a wobu sɛ ɛyɛ kronn. Nokwarem no, nea ɛka ne ntease ho ne kasa a epira obi foforo, egu n’anim ase na ɛsɛe ne din biara.

Nnipa a anobow wɔ wɔn kasa mu no da ‘nipasu dedaw’ a wotu Kristofo fo sɛ ‘wonyi ngu,’ te sɛ nguguso a emu bɔn a wontumi nhyɛ bio no, adi.a Ɔsomafo Paulo tu fo sɛ: “Munnyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu” “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne anokurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu” (Kolosefo 3:8, 9; Efesofo 4:31) Yɛsrɛ wo, hyɛ no nsow nso sɛ wɔn a wɔyaw nkurɔfo na woyi wɔn anobow, a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ “amaanefo” no ka ‘wɔn a wɔnteɛ a wɔrennya Onyankopɔn ahenni no’ ho.​—1 Korintofo 6:9, 10.

Pow Kasafi!

Nokware dɔ a Kristoni wɔ ma Nyankopɔn no bɛkanyan no ma wayɛ nea ɛsɔ N’ani. (1 Yohane 5:3) Sɛnea Onyankopɔn dwen nnipa nyinaa ho no, saara na ɛsɛ sɛ Kristoni da nkate a ɛte sɛɛ adi wɔ su a ɔda no adi kyerɛ afoforo no mu, na ɔnam saayɛ so adi ahyɛde abien a ɛsen biara, a ɛne ɔdɔ ma Nyankopɔn ne onipa, no so. (Mateo 22:37-39) Enti, “momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.” (Romafo 15:2) Enti bisa wo ho sɛ, ‘So nsɛm a meka no pira afoforo anaa ɛhyɛ wɔn den?’

Nokwarem no sɛ kasafĩ ka adan obi su a aka ne hɔ a, ɛrenyɛ mmerɛw mma no sɛ ɔbɛtew ne kasa ho. Nanso, ebetumi ayɛ yiye​—sɛ onya mmoa a. Nyankopɔn honhom betumi ama obi ayɛ nsakrae wɔ ne kasa mu. Nanso ɛsɛ sɛ ankorankoro no di kan nya ɔpɛ sɛ obenya ɔkasa mu nsɛmfua pa pii​—na ɔde di dwuma bere nyinaa.​—Romafo 12:2.

Ɔhene Salomo nyansafo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Tɛkrɛma a ɛka nsɛmmɔne no bɛtɔ mum.” Enti mma kasafĩ nsɛe wo kasa. Mmom no, bɔ mmɔden yɛ obi a onim nea ɛho tew ka, na ɔka no ɔkwan pa so!​—Mmebusɛm 10:31, 32, Today’s English Version; Kolosefo 4:6.

[Ase hɔ asɛm]

a Hyɛ Efesofo 5:3, 4 no nsow, faako a nea wɔka ho asɛm sɛ “nkwaseasɛm” ne “asereseresɛm a ɛnsɛ” kyerɛ sɛ ɛfa nna ho no. Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo ka nsɛm a ɛho ntew ne asereseresɛm a ɛfa nna ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena