Mmofra—Dɛn Na Mudi Akyi?
“Guan mmerante bere mu akɔnnɔ, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.”—2 TIMOTEO 2:22.
1. Anidaso bɛn na yɛwɔ wɔ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no ho?
SWEDENFO Pentekostfo atesɛm krataa Dagan (Ɛda No) bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa Adansefo ne kuw a enya nnipa afoforo a wɔn dodow sen biara afe biara, na wɔn na wɔwɔ mmofra dodow sen biara.” Ebia woka mmofra dɔm a wɔn ho tew na wosuro Nyankopɔn yi ho. Ebia wɔtetee wo wɔ Kristofo kwan so fi mmofraberem, anaasɛ ebia wo ankasa na wogyee Ahenni nkrasɛm no toom. Sɛnea ɛte biara no, yɛn ani agye sɛ woka yɛn ho. Na yɛn anidaso ne sɛ wubedi trenee kwan akyi sɛnea afeha a edi kan Kristofo mmofra anokwafo yɛe no. Wobetumi de ɔsomafo Yohane nsɛm yi aka wo ho asɛm ma ayɛ yiye sɛ: ‘Wo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm te wo mu, na woadi ɔbɔne no so nkonim.’—1 Yohane 2:14.
2. Nneɛma bɛn na ebetumi ama trenee kwan akyidi ayɛ den wɔ ‘ɔbaabun’ bere mu?
2 Kristofo mmofra pii—yiw, wɔn mu dodow no ara regyina wiase nhyɛso horow no ano nnɛ. Nanso ebia wubehu sɛ ɔkwan yi a wubedi akyi daa no nyɛ mmerɛw. Sɛ wowɔ wo “baabun” bere mu a, wubetumi ate nka sɛ nkate afoforo a emu yɛ den hyɛ wo so. (1 Korintofo 7:36) Bere koro no ara, wobɛte nka sɛ w’asɛyɛde wɔ sukuu mu, fie ne asafo no mu reyɛ kɛse. Satan Ɔbonsam ankasa mpo de nhyɛso ba. Esiane sɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛdaadaa nnipa dodow biara a obetumi nti, wɔn a ɛte sɛ nea obetumi anya wɔn no na ɔkɔ wɔn so—sɛnea ɔyɛe wɔ Eden turo no mu pɛpɛɛpɛ. Saa bere no, wamfa ne nnaadaa a na ɛte sɛ nea mfaso wɔ so no ankɔ Adam a na wanyin na ɔwɔ nimdeɛ pii no so, na mmom ɔde kɔɔ Hawa, ɔbea a na onnyinii na onni nimdeɛ te sɛ Adam no so. (Genesis 3: 1-5) Mfeha pii akyi no, Satan de nnaadaa akwan a ɛte sɛɛ ara dii dwuma wɔ Kristofo asafo foforo a na ɛwɔ Korinto no so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.”—2 Korintofo 11:3.
3, 4. Nneɛma a Satan Ɔbonsam de daadaa mmofra no bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn na ebetumi afi mu aba?
3 Ɛnnɛ, ebia saa ara nso na w’awofo Kristofo besuro ama wo. Ɛnyɛ sɛ wosusuw sɛ wowɔ adwemmɔne, na mmom wofi osuahu mu nim sɛ mmofra tititiw na Satan “nnɛɛdɛe” no nya wɔn. (Efesofo 6:11) Sɛ́ anka Satan bɛma ne mfiri ayɛ sɛnea mfaso biara nni so no, ɔma ɛyɛ fɛ na ɛyɛ akɔnnɔ mmom. Woyi honam fam ade dodowpɛ, ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm a emu da hɔ pefee, basabasayɛ a ɛkɔ akyiri ne ahonhonsɛmdi wɔ Television so wɔ anifere kwan so sɛ anigyede. Ebia nneɛma a ‘ɛnyɛ nokware, nea anim nyɛ duru, nea ɛnteɛ, nea ɛho ntew’ na ɛbɛhyɛ mmofra adwene ma. (Filipifo 4:8) Atipɛnfo nhyɛso nso yɛ Satan adwinnade foforo a tumi wom. Atipɛnfo betumi de nhyɛso a emu yɛ den aba wo so ma woadi wɔn asetra kwan, wɔn ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie akyi. (1 Petro 4:3, 4) Sɛnkyerɛwfo William Brown kae sɛ: “Biribiara nni hɔ a mmofra a wonnii mfe aduonu di akyi kɛse sen nea wɔn atipɛnfo yɛ . . . Sɛ́ mmofra a wonnii mfe aduonu bɛyɛ soronko wɔ wɔn atipɛnfo ho no yɛ biribi a ɛyɛ den sen biara ma wɔn.” Ɔdansefo abeawa bi a ɔwɔ Italy kaa nokware sɛ: “Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mɛma me yɔnko sukuufo ahu sɛ meyɛ Ɔdansefo. Na esiane sɛ na minim sɛ Yehowa ani nnye me ho nti, me werɛ howee, na mehawee.”
4 Mma wɔnnnaadaa wo—Satan pɛ sɛ ɔsɛe wo. Mmofra pii a wɔwɔ wiase no bɛhwere wɔn nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu, efisɛ wɔmaa kwan ma wɔdaadaa wɔn. (Hesekiel 9:6) Ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so anya nkwa ne sɛ wubedi nea ɛteɛ akyi.
Hwɛ Yiye wɔ Fekubɔ Bɔne Ho
5, 6. (a) Nsɛnnennen bɛn na aberante Timoteo hyiae bere a na ɔwɔ Efeso no? (b) Afotu bɛn na Paulo de maa Timoteo?
5 Eyi ne nea ɛda adi wɔ afotu a ɔsomafo Paulo de maa aberante Timoteo no mu. Ná Timoteo aka Paulo ho ne no ayɛ asɛmpatrɛw adwuma bɛboro mfe du. Bere a na Timoteo resom wɔ Efeso, abosonsomfo kurow mu no, na Paulo wɔ Romafo afiase retwɛn sɛ wobekum no. Bere a Paulo wu rebɛn no, akyinnye biara nni ho sɛ na sɛnea Timoteo bɛbɔ ne bra ho hia no. Ná Efeso yɛ kuropɔn bi a agye din wɔ ahonyade, ɔbrasɛe ne anigyede a aporɔw mu, na na Timoteo rennya mmoa mfi ɔfotufo a ɔdɔ no, Paulo, hɔ bio.
6 Enti Paulo kyerɛw nea edi hɔ yi kɔmaa ne ‘dɔba’ no sɛ: “Na ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu. Na sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara. Guan mmerante bere mu akɔnnɔ, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.”—2 Timoteo 1:2; 2:20-22.
7. (a) ‘Nneɛma a wommu’ bɛn na Paulo bɔɔ ho kɔkɔ? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na mmofra de Paulo nsɛm no ayɛ adwuma nnɛ?
7 Enti Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ, wɔ mfɛfo Kristofo mu mpo no, na ebetumi aba sɛ ‘nneɛma a wommu’—ankorankoro bi a wɔammɔ wɔn bra yiye wɔ mu. Afei nso, sɛ na Kristofo a wɔasra wɔn binom fekubɔ betumi apira Timoteo a, ɛnde hwɛ sɛnea wiasefo fekubɔ betumi apira Kristoni abofra bi kɛse nnɛ! (1 Korintofo 15:33) Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woda adamfofa su adi kyerɛ wo mfɛfo sukuufo. Nanso ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn bɔ kɔ akyiri, sɛ ɛte sɛ nea ɛma woyɛ ankonam bere bi mpo a. Eyi betumi ayɛ den yiye. Brazilni abeawa bi ka sɛ: “Ɛyɛ den. Me yɔnko sukuufo to nsa frɛ me bere nyinaa sɛ yɛnkɔ apontow ne mmeae a enye mma Kristofo mmofra. Wɔka sɛ: ‘Aa! Wonkɔ? Woasɛe!’”
8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na fekuw a wɔne wiasefo a ɛte sɛ nea wɔyɛ ayɔnkofo pa bɛbɔ mpo betumi ayɛ asiane ama Kristoni? (b) Ɛhe na wubetumi anya nnamfo pa?
8 Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea wiasefo mmofra bi yɛ ayɔnkofo pa, esiane sɛ wɔnnom sigaret, nka kasa fĩ anaa wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a ɛmfata mu ara kwa nti. Nanso sɛ wonni trenee akyi a, wɔn honam fam adwene ne nneyɛe betumi anya wo so nkɛntɛnso ntɛm. Ɛno akyi no, nneɛma ahe na wo ne wɔn bebom ayɛ? (2 Korintofo 6:14- 16) Asɛm no ne sɛ, honhom fam nneɛma a ɛsom bo ma wo no yɛ “nkwaseasɛm” bi ara kwa ma wɔn! (1 Korintofo 2:14) So wubetumi akɔ so afa wɔn yɔnko a worennyae wo nnyinasosɛm ahorow mu nkodi wɔn akyi?
9 Enti kwati nnamfo bɔne. Wo ne Kristofo a honhom fam nneɛma ho hia wɔn na wɔdɔ Yehowa na ɛmmɔ fekuw. Hwɛ yiye wɔ asafo no mu mmofra a wonni adwempa na wɔkasa tia nkurɔfo mpo no ho. Bere a wugu so nyin wɔ honhom mu no, ɛda adi sɛ nnamfo a wobɛpaw no bɛsakra. Ɔdansefo abeawa bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “Mefa nnamfo afoforo wɔ asafo afoforo mu. Ama mahu sɛ enhia sɛ mefa wiasefo nnamfo.”
Akɔnnɔ Bɔne a Wubeguan
10, 11. (a) ‘Mmerante bere mu akɔnnɔ a wubeguan’ no kyerɛ dɛn? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ‘aguan aguamammɔ’?
10 Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran bio sɛ ‘onguan mmerante bere mu akɔnnɔ.’ Sɛ woyɛ abofra a, ɔpɛ a wowɔ sɛ nnipa bɛpɛ w’asɛm, wubegye w’ani anaa wubedwudwo nna ho nkate ano betumi ahyɛ wo so. Sɛ woanhwɛ yiye a, akɔnnɔ a ɛte sɛɛ betumi ama woayɛ bɔne. Enti Paulo se guan akɔnnɔ bɔne—guan te sɛ nea wo nkwa da asiane mu.a
11 Sɛ́ nhwɛso no, nna ho akɔnnɔ de Kristofo mmofra pii akɔ honhom mu ɔsɛe mu. Ɛnde, ntease pa nti, Bible se ‘yenguan aguamammɔ!’ (1 Korintofo 6:18) Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi pɛ sɛ wɔware na sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pue a, wobetumi de nnyinasosɛm yi adi dwuma denam tebea horow a ebetumi asɔ wɔn ahwɛ—te sɛ wɔn nko ara a ɛbɛka wɔn wɔ ɔdan bi anaa kar bi a wɔde asi hɔ mu—a wɔbɛkwati so. Obi a ɔbɛkɔ akogya mo no bɛyɛ te sɛ biribi a atwam, nanso ebetumi ayɛ ahobammɔ ankasa. Na bere a mubetumi afa nsɛm ne nneyɛe bi so akyerɛ ɔdɔ a mowɔ ma mo ho no, ɛsɛ sɛ mubu faako a ɛyɛ a ɛsɛ sɛ mukodu, na moakwati nneyɛe a ɛho ntew. (1 Tesalonikafo 4:7) Aguamammɔ a wubeguan no nso kyerɛ sɛ wobekwati sini ne TV so dwumadi ahorow a ebetumi ama woanya akɔnnɔ bɔne. (Yakobo 1:14, 15) Sɛ ɔbrasɛe adwene bi a wunsusuw ho ba w’adwenem a, sakra nsusuwii no wɔ w’adwenem. Kɔnantenantew; kenkan ade kakra; yɛ ofie adwuma bi. Mpaebɔ yɛ mmoa titiriw a tumi wom wɔ eyi fam.—Dwom 62:8.b
12. Woyɛ dɛn sua sɛnea wokyi bɔne? Ma mfatoho.
12 Nea ehia sen biara no, sua sɛ wubekyi bɔne. (Dwom 97:10) Wobɛyɛ dɛn akyi nea mfiase no ɛbɛyɛ te sɛ agoru anaa anigye? Ɛdenam nea ebefi mu aba a wubesusuw ho no so! “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee.” (Galatifo 6:7, 8) Sɛ wuhyia nna nkate ho sɔhwɛ a, susuw ɔhaw kɛse a ebefi mu aba—sɛnea eyi betumi ayɛ Yehowa Nyankopɔn yaw—no ho. (Fa toto Dwom 78:41 ho.) Afei, susuw nyinsɛn a wompɛ a ebetumi aba anaa ɔyare te sɛ AIDS a wubetumi anya no nso ho. Susuw nkate mu yaw a wubedi ne obu a wobɛhwere no ho. Ebia nea ebefi mu aba no bi bɛtra hɔ akyɛ. Kristoni bea bi gye tom sɛ: “Me ne me kunu nyinaa ne afoforo dae ansa na yɛrehu yɛn ho aware. Ɛwom sɛ nnɛ yɛn nyinaa yɛ Kristofo de, nanso nna ho asɛm a atwam yi de akasakasa ne ninkuntwe ba yɛn aware mu.” Nea ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so nso ne teokrase hokwan ahorow a ebetumi afi wo nsa anaa Kristofo asafo no a wobetumi atu wo afim no! (1 Korintofo 5: 9-13) So ɛfata sɛ bere tiaa mu anigye bi a wubenya de eyinom nyinaa ba?
Wo ne Yehowa Ntam Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Wubedi Akyi
13, 14. (a) Dɛn nti na ɛnnɔɔso sɛ wubeguan afi bɔne ho?
13 Nanso, ɛnnɔɔso sɛ wubeguan bɔne. Wɔhyɛɛ Timoteo nkuran nso sɛ ‘onni trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe akyi.’ Eyi kyerɛ adeyɛ a ahoɔden wom. Ɔkwan a ɛte sɛɛ ara so no, odiyifo Hosea srɛɛ Israel man a wɔanni nokware no sɛ: “Mommra ma yɛnsan nkɔ [Yehowa] nkyɛn . . . Na momma yenhu na yentiw [Yehowa].” (Hosea 6:1-3) So wo ankasa woatiw no? Ɛkɔ akyiri sen adesua ne asɛnka a wobɛka w’awofo ho akɔ ara kwa. Kristoni bea bi kaa nokware sɛ: “M’awofo tetee me wɔ nokware no mu, na wɔbɔɔ me asu ntɛm . . . Ná ɛyɛ den sɛ mɛto adesuakɔ mu, na ɔsram biako antwam a mankɔ asɛnka, nanso me ne Yehowa annya abusuabɔ a emu yɛ den da.”
14 Abofra foforo nso gye tom sɛ ɔno nso ammehu Yehowa sɛ Adamfo ne Agya, na obuu no sɛ Honhom bi a enni nipasu biara. Ɔkɔbɔɔ aguaman na ɔbɛyɛɛ ɛna a onni kunu bere a na wadi mfe 18. Nyɛ mfomso koro no ara bi! ‘Tiw Yehowa na hu no’ sɛnea Hosea hyɛɛ nkuran no. Ɛdenam mpaebɔ ne Yehowa a wo ne no bɛnantew daa so no, wubetumi ayɛ no w’adamfo a woka w’atirimsɛm kyerɛ no. (Fa toto Mika 6:8; Yeremia 3:4 ho.) “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware,” sɛ yɛhwehwɛ no a. (Asomafo no Nnwuma 17:27) Enti, daa kokoam Bible adesua a wobɛyɛ ho nhyehyɛe hia. Ɛnsɛ sɛ daa adeyɛ a ɛte sɛɛ yɛ tenten anaa biribi a ɛyɛ den. Abeawa bi a wɔfrɛ no Melody ka sɛ: “Mede bɛyɛ simma 15 kenkan Bible da biara.” Fa bere bi si hɔ kenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara. Siesie wo ho ma asafo adesua ahorow no na woatumi ‘atwetwe afoforo akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’—Hebrifo 10:24, 25.
Ka Nea Ɛwɔ wo Komam Kyerɛ W’awofo
15. (a) Dɛn nti na ɛtɔ bere bi a ɛyɛ den sɛ obi betie n’awofo? (b) Dɛn nti na mpɛn pii no osetie ye ma abofra?
15 Awofo a wosuro Nyankopɔn betumi de mmoa ankasa ama wo. Nanso hyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ no nsow: ‘Tie w’awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.’ (Efesofo 6:1-3) Ɛyɛ ampa sɛ worenyin na akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ ahofadi kɛse. Ebia wobɛkɔ so ahu nea w’awofo tumi yɛ nso. Ɔsomafo Paulo gye toom sɛ: “Yɛn honam agyanom no, nea wosusuw sɛ eye sen biara nko ara na wotumi yɛ.” (Hebrifo 12:10, The Jerusalem Bible) Nanso, awiei koraa no, ɛyɛ mfaso ma wo sɛ wubetie wɔn. W’awofo dɔ wo na wonim wo yiye sen sɛnea obi foforo biara nim wo. Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wo ne wɔn bɛyɛ adwene de, nanso wodwen wo yiyedi ho mpɛn pii. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɔre tia mmɔden a wɔbɔ sɛ ‘wɔbɛyɛn wo wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no? (Efesofo 6:4) Nokwarem no, ogyimfo nko na ‘ɔtew n’agya ntɛeso ahi.’ (Mmebusɛm 15:5) Abofra nyansafo behu tumi a n’awofo wɔ na wabu wɔn sɛnea ɛfata.—Mmebusɛm 1:8.
16. (a) Dɛn nti na nyansa nnim sɛ mmofra de nsɛnnennen besie wɔn awofo? (b) Dɛn na mmofra betumi ayɛ na wɔne wɔn awofo ntam nkɔmmɔbɔ anya nkɔso?
16 Ɛno bɛkyerɛ sɛ wobɛka nokware akyerɛ w’awofo, na sɛ ebia wonte biribi ase wɔ nokware no ho anaasɛ worebu bra bi a asɛm wɔ ho a, ma wonhu. (Efesofo 4:25) Tebea ahorow a ɛhaw adwene sɛɛ a wode besie awofo no de ɔhaw ahorow pii ba. (Dwom 26:4) Ɛyɛ nokware sɛ awofo binom mmɔ mmɔden kɛse sɛ wɔne wɔn mma bɛbɔ nkɔmmɔ. Abeawa bi kae sɛ: “Me maame ne me ntraa ase mmɔɔ nkɔmmɔ da. Minni akokoduru a mede bɛka sɛnea mete nka, efisɛ misuro sɛ ɔbɛkasa atia me.” Sɛ wowɔ tebea a ɛte sɛɛ mu a, fi nyansa mu paw bere bi a ɛfata na ma w’awofo nhu sɛnea wote nka. Mmebusɛm 23:26 hyɛ nkuran sɛ: “Me ba, fa wo koma ma me.” Bɔ mmɔden ne wɔn mmɔ w’ahiasɛm ho nkɔmmɔ bere nyinaa ansa na nsɛnnennen a anibere wom asɔre.
Kɔ so Di Trenee Akyi!
17, 18. Dɛn na ɛbɛboa abofra ma wakɔ so adi trenee akyi?
17 Bere a Paulo de ne krataa a ɛto so abien no reba awiei no, otuu Timoteo fo sɛ: “Tra nea woasua na woahu mu nokware no mu.” (2 Timoteo 3:14) Ɛsɛ sɛ woyɛ saa ara. Mma obi anaa biribiara ntwe wo mfi trenee akyi a wudi no ho. Nsɛmmɔnedi abunkam Satan wiase no so—anigyede ahorow a ɛwom nyinaa akyi. Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe no ne wɔn a wɔyɛ ne fã nyinaa. (Dwom 92:7) Si wo bo sɛ woremma wɔnsɛe wo nka Satan dɔm no ho.
18 Esiane sɛ atirimpɔw a ɛte sɛɛ wɔ w’adwenem nti, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ wo botae, w’apɛde ne w’anigyede ahorow mu bere nyinaa. Bisa wo ho sɛ, ‘So sɛ m’awofo ne asafo no mu nnipa nni hɔ a, me kasa ne m’abrabɔ ho tew? Nnamfo bɛn na mepaw? So m’atipɛnfo a wɔyɛ wiasefo na wɔkyerɛ me ntade ko a menhyɛ ne sɛnea minsiesie me ho? Botae ahorow bɛn na mede asi m’anim? So m’ani gye bere nyinaa som adwuma no ho yiye—anaa Satan nneɛma nhyehyɛe a ɛretwam yi mu adwuma bi ho?
19, 20 (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ abofra haw wɔ nea Yehowa hwehwɛ ho? (b) Nhyehyɛe ahorow bɛn na mmofra betumi de adi dwuma?
19 Ebia wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ wo nsusuwii mu. (2 Korintofo 13:11) Mma ɛno nhaw wo. Kae sɛ Yehowa nhwehwɛ pii mfi wo hɔ nsen nea ɛfata. Odiyifo Mika bisae sɛ: “Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ, ɛnyɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew?” (Mika 6:8, NW) Sɛ wode nhyehyɛe ahorow a Yehowa ayɛ no di dwuma a, ɛbɛboa wo na eyi anyɛ den dodo. Bɛn w’awofo. Wo ne Kristofo asafo no mmɔ daa. Ne titiriw no, bɔ mmɔden hu asafo mu mpanyimfo no. Wo yiyedi ho hia wɔn na wobetumi de mmoa ne awerɛkyekye ama wo. (Yesaia 32:2) Nea ɛsen ne nyinaa no, wo ne Yehowa Nyankopɔn nnya abusuabɔ pa a emu yɛ den. Ɔbɛma wo ahoɔden ne ɔpɛ a wode bedi nea ɛteɛ akyi!
20 Nanso mmofra binom brɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenyin wɔ honhom mu no ase denam nnwom a ɛmfata a wotie so. Wɔbɛka eyi ho asɛm akɔ akyiri wɔ asɛm a edi hɔ no mu
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔde Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “guan” no di dwuma wɔ Mateo 2:13 nso, faako a wɔka kyerɛɛ Maria ne Yosef sɛ ‘wonguan nkɔ Misraim’ na wɔnkwati Herode awudi nhyehyɛe no.—Fa toto Mateo 10:23 ho.
b Wubenya nneɛma pii a ɛbɛboa wo ma woadi nna ho nkate so wɔ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no ti 26
So Wokae?
◻ Dɛn nti na mmofra titiriw na Satan “nnɛɛdɛe” no nya wɔn?
◻ Dɛn nti na wiasefo mmofra a wo ne wɔn bɛbɔ pii no yɛ asiane?
◻ Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aguan nna mu ɔbrasɛe?
◻ Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi adi wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den akyi?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ wo ne w’awofo bɔ nkɔmmɔ?
(b) Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ‘atiw Yehowa’?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Mmea ne mmarima a wɔayɛ aware nhyehyɛe fi nyansa mu hu sɛnea wɔn mu biara te wɔ mmeae bi te sɛ agodibea a ɛmma wɔntew wɔn ho mfi nnipa afoforo ho