28 “Dwetɛ wɔ hɔ yi, ɛwɔ baabi a wotu no,
Na sika nso wɔ baabi a wɔnan yiyi mu;+
2 Wonya dade fi dɔte mu,+
Na wohwie kɔbere fi abo mu.
3 Onipa ma esum yera;
Na ɔhwehwɛ baabiara+ pɛ ɔbo,
Nea ɛhɔ yɛ kusuu, ne esum kabii mu.
4 Otu fagude amoa wɔ baabi a obiara nte,+
Baabi a onipa werɛ afi, nea ɛmmɛn anammɔn biara;
Nnipa bi sian kɔ mu, na wɔkɔsensɛn hɔ.
5 Asase wɔ hɔ yi, emu na aduan fi ba;+
Nanso onipa dan ani butuw sɛnea ogya yɛ.
6 N’abo mu na hoabo+ wɔ,
Na sikafuturu nso wɔ mu.
7 Ɔkɔre+ biara nnim saa kwan no,
Na asansa+ aniwa nso nhui.
8 Wuram mmoa akɛse nan nsii so;
Gyata nnantenantew so.
9 Onipa teɛ ne nsa so twɛrebo mu;
Otutu mmepɔw ase;
10 Otwitwa nsuka wɔ abotan mu,+
Na n’aniwa hu aboɔden nneɛma nyinaa.
11 Osisiw baabi a nsubɔnten fi ba,+
Na oyi nea ahintaw ba hann mu.
12 Nanso nyansa de, ɛhe na ɛwɔ?+
Na ntease nso, ɛhe na ne tenabea wɔ?
13 Onipa desani nhuu ne bo,+
Na wonhu wɔ ateasefo asase so.
14 Subun ka sɛ,
‘Enni me nkyɛn!’
Ɛpo nso ka sɛ, ‘Enni me hɔ!’+
15 Wɔrentumi mfa sika amapa nsesã,+
Na wɔrentumi nkari dwetɛ ntua ka.
16 Wɔrentumi mfa Ofir sika+ ntua ka,
Na sohambo a ɛho yɛ nã ne hoabo nso, wɔrentumi mfa ntua ka.
17 Wɔrentumi mfa sika ne ahwehwɛ ntoto ho,
Na wɔrentumi mfa sika amapa anwenne biara nsesã.
18 Mmota+ ne hyerɛmmo mpo ne no nsɛ,
Nanso nyansa kotoku mã bo yɛ den sen ahene kotoku mã.+
19 Wɔrentumi mfa Kus akraatebo+ ntoto ho;
Na sika amapa nso wɔrentumi mfa ntua ka.
20 Nanso nyansa—ɛhe na efi,+
Na ntease nso, ɛhe na ne tenabea wɔ?
21 Wɔde ahintaw ɔteasefo biara aniwa,+
Na wɔde asie nnomaa a wotu fa wim.
22 Ɔsɛe amoa ne owu ka sɛ,
‘Yɛn aso na ate ho asɛm.’
23 Onyankopɔn na ɔte n’akwan ase,+
Na ɔno na onim ne tenabea,
24 Ɔno na ohu asase ano nohoa;+
Ohu ɔsoro ase baabiara,
25 Na ɔma mframa ahoɔden;+
Nsu nso, ɔde ade susuw;+
26 Bere a ɔhyɛɛ mmara maa osu,+
Na otwaa kwan maa osuframa ne aprannaa no,
27 Ɛhɔ na ɔde n’aniwa huu nyansa, na ofii ase kaa ho asɛm;
Osiesiei, na ɔhwehwɛɛ mu nso.
28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,
‘Hwɛ! Yehowa suro—ɛno ne nyansa,+
Na bɔne ho fi ne ntease.’”+