JULY 28–AUGUST 3
MMEBUSƐM 24
Dwom 38 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Hyɛ Wo Ho Den Nnɛ Na Ama Woatumi Agyina Ɔhaw Ahorow Ano
(Simma 10)
Kɔ so hwehwɛ nimdeɛ ne nyansa (Mme 24:5; it-2 610 ¶8)
Sɛ w’abam bu mpo a, kɔ so bɔ mpae, kenkan Bible daa, na kɔ adesua bere nyinaa (Mme 24:10; w09 12/15 18 ¶12-13)
Sɛ Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no yɛ den na yɛdɔ no paa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ɔhaw ahorow ano (Mme 24:16; w20.12 15)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 24:27—Saa bɛ yi, ɛdɛn na ɛreka kyerɛ yɛn? (w09 10/15 12)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 24:1-20 (th adesua 11)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Nkɔmmɔ a wo ne onipa no rebɔ no sii a woantumi anni no adanse. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) AFIE AFIE. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)
6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Ka Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no ho asɛm kyerɛ no, na ma no Bible adesua kaad no bi. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)
7. Ɔkasa
(Simma 3) lmd nkekaho A nkyekyɛm 11—Asɛmti: Onyankopɔn Kasa Kyerɛ Yɛn. (th adesua 6)
Dwom 99
8. Mommoa Mo Ho Mo Ho Bere a Morefa Ɔhaw Mu
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Atoyerɛnkyɛm ne basabasa a nkurɔfo yɛ tia aban tumi ba mpofirim. Nsanyare tumi tew si baabi prɛko pɛ a ɛmmɔ nkae. Saa ara nso na nkurɔfo tumi tan yɛn ani bere a yɛnhwɛ kwan. Sɛ ɔhaw a ɛte saa sisi a, yɛn nuanom Kristofo a asɛm ato wɔn no yɛ baako, wɔboa wɔn ho wɔn ho, na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran. Nanso, sɛ ɔhaw no ansi wɔ baabi a yɛwɔ mpo a, yedi yaw ma yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ hɔ no, na yɛyɛ nea yebetumi biara de boa wɔn.—1Ko 12:25, 26.
Kenkan 1 Ahene 13:6 ne Yakobo 5:16b. Afei bisa sɛ:
Mpae a Onyankopɔn asomfo bɔ ma afoforo no, tumi wom paa. Adɛn ntia?
Kenkan Marko 12:42-44 ne 2 Korintofo 8:1-4. Afei bisa sɛ:
Ebia yɛn nsam nni bi, na ntoboa ketewaa bi na yebetumi ayi de aboa wiase nyinaa adwuma no ama wɔde bi aboa yɛn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu. Sɛ saa mpo na ɛte a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebeyi ntoboa?
Yi VIDEO a yɛato din, Sɛnea Wɔhyɛɛ Yɛn Nuanom a Wɔabara Wɔn No Den. Afei bisa sɛ:
Bere a wɔbaraa yɛn som adwuma no wɔ Eastern Europe no, nneɛma bɛn na yɛn nuanom yii wɔn yam yɛ de boaa wɔn nuanom Kristofo a na wɔwɔ hɔ no?
Bere a na wɔabara ɔsom adwuma no, dɛn na anuanom no yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔdii ahyɛde a ɛne sɛ yenhyiam na yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran no so?—Heb 10:24, 25
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 4-5