30 “Afei de nkurɔfo reserew me,+
Nnipa a manyin sen wɔn,+
Wɔn a anka meremfa wɔn agyanom
Nto me nguankuw akraman mpo mu.
2 Wɔn nsam tumi no—dɛn na ɛyɛ maa me?
Ahoɔden biara nni wɔn mu.+
3 Ohia ne ɔkɔm nti wɔatwintwam,
Na kwayow so na wodidi,+
Baabi a nnɛra na ahum ne ɔsɛe wɔ.
4 Nkyenhaban na wɔtetewee wɔ wura mu,
Na sisia nnua na ɛyɛɛ wɔn aduan.
5 Wɔpampam wɔn fii nnipa mu;+
Nkurɔfo huroo wɔn sɛ ɔkorɔmfo.
6 Subon nsianee so na wɔtenatenae,
Asase ntokuru ne abotan mu.
7 Nnua ntam na wɔteɛteɛɛm;
Nsasono ase na wɔboaboaa wɔn ho ano.
8 Ogyimfo+ mma, ne nea onni din mma,
Wɔde mpire apam wɔn afi asase no so.
9 Nanso afei de, wɔde me to dwom,+
Na mayɛ asereserede ama wɔn.+
10 Wɔtan me, wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ akyirikyiri;+
Na wɔamfa ntasu nso ankame m’anim.+
11 Onyankopɔn agow m’agyan hama mu na wabrɛ me ase;
Nkurɔfo yi wɔn ano nnareka wɔ me so.
12 Me nifa so, wɔsɔre gyina sɛ ahuhufo asefo;
Wogyaa me nan,
Nanso wɔde ɔsɛe ban sisi m’anim.+
13 Wɔadwiriw m’akwan;
Hwee nni wɔn ho sɛ amanehunu nko na wɔde ba me so,+
Na wɔanhia obiara mmoa.
14 Wɔba sɛnea wɔnam ɔkwan a ɛtrɛw so;
Ahum mu na wofi tu ba me so.
15 Mpofirim ahude adan aba me so;
Wɔapam me nidi sɛ mframa,
Na me nkwagye atwam kɔ sɛ omununkum.
16 Mprempren de, me kra rehi wɔ me mu;+
Amanehunu nna+ aso me mu.
17 Anadwo, me nnompe+ mu tutu me ma ehunhuan,
Na nea ɛwe me no nnyae da.+
18 Emu den ma m’atade sakra;
Ɛkyekyere me sɛ m’atade kɔn.
19 Watow me akyene dɔte mu,
Enti mayɛ sɛ mfutuma ne nsõ.
20 Misu frɛ wo sɛ boa me, nanso wunnye me so;+
Masɔre agyina hɔ sɛ tie me.
21 Woadan otirimɔdenfo ama me;+
Wode wo nsa mu ahoɔden nyinaa anya me ho menasepɔw.
22 Woma me so kyerɛ mframa, na wode me tena so;
Afei wonan me hooyɛ mu.
23 Me de, minim sɛ owu mu na wobɛsan de me akɔ,+
Ne ofie a ateasefo nyinaa hyia mu.
24 Nanso obi nteɛ ne nsa nka nea asɛe awie yi,+
Na nea waporɔw no, obiara nhwehwɛ mmoa mma no n’ahohia mu.
25 Ampa ara, masu ama nea ɔwɔ amanehunu mu;+
Me kra adi ohiani ho awerɛhow.+
26 Metwɛn adepa, nanso bɔne na ɛbae;+
M’ani daa hann so, nanso kusuuyɛ na ɛbae.
27 Me nsono hurui na anyɛ komm;
Amanehunu nna hyiaa me.
28 Awerɛhow+ mu na menantewee esum mu;
Mesɔree wɔ asafo no mu, na misu hwehwɛɛ ɔboafo.
29 Madan sakraman nua,
Ne sohori mma adamfo.+
30 Me were ayɛ tumm,+ na ɛwaewae fi me ho;
Me nnompe awo ma ayɛ hyew.
31 Me sankuten adan awerɛhow,
Na m’abɛn wɔ hɔ ma asufo nne.