Nnwom 149 Munyi Yah ayɛ!+Monto dwom foforo+ mma Yehowa,Monto n’ayeyi dwom wɔ anokwafo asafo mu.+ 2 Momma Israel nni ne Bɔfo Kɛse no mu ahurusi,+Sion mma no, momma wɔn ani nnye wɔn Hene ho.+ 3 Momma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ.+Momma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no.+ 4 Yehowa ani gye ne man ho.+Ɔde nkwagye fura ahobrɛasefo ma wɔn ho yɛ fɛ.+ 5 Momma anokwafo nni ahurusi wɔ anuonyam mu;Momma wɔnto ahurusi dwom, wɔn mpa so.+ 6 Momma nnwom a ɛkamfo Onyankopɔn no nnyigye wɔn menewa mu;+Momma wonkura nkrante anofanu wɔn nsam,+ 7 Na wɔmfa ntɔ aman so were,+Mfa ntwe amanaman asõ;+ 8 Wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahene,+Mfa dade mpokyerɛ ngu wɔn anuonyamfo; 9 Na wɔmfa atemmu a wɔakyerɛw ato hɔ no mmra wɔn so.+Anuonyam a ɛte saa na ɛsɛ n’anokwafo nyinaa.+Munyi Yah ayɛ!+