Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Aborɔnoma Mum” nne so, wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu. Dawid dwom. Miktam; bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat+ no.
56 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na onipa desani repɛ me amene me.+
Daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho.+
2 M’atamfo pɛ me amene me daa nyinaa,+
Na wɔn a wɔama wɔn ho so ne me reko no dɔɔso.+
3 Me de, da biara a mɛbɔ hu no, mede me ho bɛto wo so.+
4 Onyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ.+
Onyankopɔn mu na mede me werɛ ahyɛ; merensuro.+
Ɔhonam betumi ayɛ me dɛn?+
5 Daa nyinaa wosi me nsɛm ti ase;
Bɔne nko na wodwen wɔ me ho.+
6 Wɔtow hyɛ me so, na wohintaw;+
Wɔn de, wɔhyɛ m’anammɔn nsow,+
Na wɔtwɛn me kra.+
7 Wɔn amumɔyɛ nti, tow wɔn gu.+
Brɛ nkurɔfo no ase w’abufuw mu, O Onyankopɔn.+
8 Woakyerɛw oguanfo a mayɛ yi ato hɔ.+
Fa me nusu gu wo kotoku mu.+
Enni wo nhoma mu anaa?+
9 M’atamfo bɛsan wɔn akyi saa bere no, ɛda a mɛfrɛ no;+
Eyi na minim, sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.+
10 Onyankopɔn mu+ na meyi n’asɛm ayɛ;
Yehowa mu na meyi n’asɛm ayɛ.+
11 Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro.+
Onipa betumi ayɛ me dɛn?+
12 O Onyankopɔn, wo bɔhyɛ ade wɔ me hɔ.+
Mede w’aseda afɔre bɛma wo.+
13 Woagye me kra afi owu mu+—
Wunyii me nan mfii asehwe mu anaa?+—
Na ama masom Onyankopɔn wɔ ateasefo hann mu.+