Dwom. Kora mma ayeyi dwom. Wɔde ma dwonkyerɛfo, Mahalat so, sɛ wɔmfa nyɛ nnyeso. Esrahini Heman+ Maskil.
88 O Yehowa, me nkwagye Nyankopɔn,+
Adekyee na misu mefrɛ wo,+
Ne adesae, w’anim.+
2 Me mpaebɔ bedu w’anim.+
Yɛ aso ma me sufrɛ.+
3 Me kra abrɛ ne amanehunu,+
Na me nkwa abɛn Adamoa.+
4 Wɔakan me afra wɔn a wɔrekɔ amoa mu;+
Mayɛ sɛ ɔbarima a n’ahoɔden asa,+
5 Nea ne ho atɔ no sɛ owufo;+
Mayɛ sɛ atɔfo a wɔdeda amusiei+
A wonkae wɔn bio;
Wɔn a woayi wo nsa a ɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn so no.+
6 Wode me ato amoa a emu dɔ mu,
Amoa donkudonku mu, esum mu.+
7 W’abufuw atow ahyɛ me so,+
Na woama w’asorɔkye nyinaa abu afa me so.+ Sela.
8 Woama m’amannifo afi me ho kɔ akyirikyiri;+
Woama madan abofonode ama wɔn.+
Minnya me ho atwaye na matumi afi adi.+
9 M’amanehunu nti, m’ani so ayɛ wusiwusi.+
O Yehowa, masu mafrɛ wo da mũ nyinaa;+
Wo na matrɛw me nsam akyerɛ wo.+
10 Wobɛyɛ anwonwade akyerɛ wɔn a wɔawuwu?+
Anaa awufo bɛsɔre+
Na wɔakamfo wo?+ Sela.
11 Amusiei na wɔbɛka w’adɔe ho asɛm?
Anaasɛ wɔbɛka wo nokwaredi ho asɛm wɔ ɔsɛe amoa mu?+
12 Woyɛ anwonwade wɔ sum mu a, wobehu?+
Na wo trenee nso, wobehu wɔ ɔdesani awiei asase so?+
13 O Yehowa, wo na misu mefrɛ wo,+
Na anɔpa biara, me mpaebɔ pue w’anim.+
14 O Yehowa, dɛn nti na woatow me kra akyene yi?+
Dɛn nti na wode w’anim ahintaw me?+
15 Mayɛ ɔmanehunufo a ɔreyɛ awu fi me mmofraase;+
Woama ahude pii aba me so.+
16 W’abufuhyew nenam me ho pɛɛ;+
Wo ho ahude ama matɔ mum.+
17 Etwa me ho hyia sɛ nsu daa nyinaa;+
Ne nyinaa bom ba me so prɛko pɛ.
18 Woama me nnamfo ne me mfɛfo afi me ho kɔ akyirikyiri;+
Esum na abɛyɛ me mannifo.+