1 Korintofo
4 Momma nnipa mmu yɛn sɛ Kristo asomfo+ ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ so ahwɛfo.+ 2 Afei nso eyi mu no, nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo+ hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware.+ 3 Na me de, ɛyɛ me ade ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bagua bi besi me ho nkongua adi m’asɛm.+ Me mpo menkari me ho nhwɛ. 4 Efisɛ minnim+ asɛm biara a ɛwɔ me ho. Nanso eyi mma minni bem, na nea odi m’asɛm ne Yehowa.+ 5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde nea ahintaw esum mu bɛba hann mu,+ na wayi komam agyina adi,+ na ɛno na afei obiara benya n’ayeyi afi Onyankopɔn hɔ.+
6 Afei anuanom, mo nti madan asɛm no ma abɛfa me ne Apolo ho,+ na moasua asɛm yi wɔ yɛn ho sɛ: “Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw”+ na moamma mo ho so+ ankɔ biako afã antia ɔfoforo.+ 7 Na hena na ɔma woyɛ soronko?+ Dɛn koraa na wowɔ a woannya?+ Na sɛ nya na wunyae a,+ adɛn na wohoahoa wo ho+ sɛnea woannya?
8 Sɛ́ moamee dedaw? Sɛ́ moanya mo ho dedaw?+ Sɛ́ moafi ase redi ade+ a yɛnka ho? Me yam a anka moafi ase redi ade ankasa, na yɛn nso yɛaka mo ho ne mo adi ade.+ 9 Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn a yɛyɛ asomafo no atwa to ayi yɛn akyerɛ+ sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owu,+ efisɛ yɛayɛ ahwɛde+ ama wiase ne abɔfo+ ne nnipa.+ 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo,+ na mo de, moyɛ anyansafo+ wɔ Kristo mu; yɛyɛ mmerɛw,+ na mo de, moyɛ den;+ mowɔ din pa,+ na yɛn de, yenni nidi.+ 11 Ɛde besi dɔn yi mu, yedi kɔm+ ne sukɔm,+ yɛdeda adagyaw,+ wɔyɛ yɛn basabasa,+ na yenni baabi te,+ 12 na yɛbrɛ+ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma.+ Sɛ wɔsopa yɛn a, yehyira;+ sɛ wɔtaa yɛn a, yegyina mu;+ 13 sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ;+ yɛayɛ sɛ wiase sumina, nneɛma nyinaa mu nwura dodow de besi nnɛ.+
14 Merenkyerɛw nsɛm yi mmɛhyɛ mo aniwu, na mmom mede rebetu mo fo sɛ me mma adɔfo.+ 15 Sɛ mowɔ akyerɛkyerɛfo+ mpem du wɔ Kristo mu mpo a, nokwarem no, munni agyanom bebree;+ na menam asɛmpa no so ayɛ mo agya wɔ Kristo Yesu mu.+ 16 Enti mitu mo fo sɛ munsuasua me.+ 17 Enti na meresoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo+ ne ɔnokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn;+ na ɔno na ɔbɛtwe mo adwene aba akwan a mefa so wɔ Kristo Yesu mu+ no so, sɛnea merekyerɛkyerɛ baabiara wɔ asafo biara mu.
18 Ebinom ama wɔn ho so+ te sɛ gyama meremma mo nkyɛn. 19 Nanso sɛ Yehowa pɛ a,+ mɛba mo nkyɛn ntɛm, na mabehu wɔn a wɔama wɔn ho so no tumi, ɛnyɛ wɔn kasa nko. 20 Na Onyankopɔn ahenni nnyina kasa so, na mmom tumi so.+ 21 Ɛdɛn na mopɛ? Memfa abaa mmra mo nkyɛn,+ anaa ɔdɔ ne odwo honhom?+