Genesis 30:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na Lea san nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so asia maa Yakob.+ Genesis 46:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Eyinom ne Yakob mmabarima ne ne babea Dina+ a ɔne Lea+ woo wɔn wɔ Padan-Aram no. Wɔn nyinaa dodow si akra aduasa abiɛsa. Rut 4:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnna nkurɔfo a wɔwɔ kurow no pon ano ne mpanyimfo no nyinaa kae sɛ: “Yɛyɛ adansefo! Yehowa mma ɔbea a ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel+ ne Lea+ a wɔn baanu akyekye Israel fie+ no; yɛ onipa a odi mu wɔ Efrata+ na nya din pa wɔ Betlehem.+
15 Eyinom ne Yakob mmabarima ne ne babea Dina+ a ɔne Lea+ woo wɔn wɔ Padan-Aram no. Wɔn nyinaa dodow si akra aduasa abiɛsa.
11 Ɛnna nkurɔfo a wɔwɔ kurow no pon ano ne mpanyimfo no nyinaa kae sɛ: “Yɛyɛ adansefo! Yehowa mma ɔbea a ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel+ ne Lea+ a wɔn baanu akyekye Israel fie+ no; yɛ onipa a odi mu wɔ Efrata+ na nya din pa wɔ Betlehem.+