Deuteronomium 7:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wo ne wɔn mu biara nnni ayeware. Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea mma wo babarima.+ Deuteronomium 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛnyɛ wo trenee+ anaa wo komam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumɔyɛ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu. Atemmufo 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti Israelfo tenaa Kanaanfo,+ Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mfinimfini.
5 Ɛnyɛ wo trenee+ anaa wo komam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumɔyɛ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.