Yesaia 24:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Asase no redi awerɛhow+ na abotow. Asase no akisa na abotow. Na asase no so akɛsefo akisa.+ Mateo 24:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman+ na ahenni atia ahenni,+ na aduankɔm+ ne asasewosow+ bɛba mmeaemmeae. Asomafo Nnwuma 7:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na ɔkɔm baa Egypt ne Kanaan nyinaa, ahohiahia kɛse mpo, na na yɛn agyanom nnya aduan.+ Asomafo Nnwuma 11:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Wɔn mu biako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔree, na ɔnam honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse bi reba asase nyinaa so;+ na ɛbaa mu nso wɔ Klaudio bere so.
28 Wɔn mu biako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔree, na ɔnam honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse bi reba asase nyinaa so;+ na ɛbaa mu nso wɔ Klaudio bere so.