29 Afei na aka kakra ma Israel awu.+ Na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,+ na wo ne me nni no adɔe so ne nokware mu.+ (Mesrɛ wo, nsie me Egypt.)+
13 Enti ne mma no de no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim. Asase yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asiei no.+
8 Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam,+ na mayi wɔn afi asase no so akɔ asase a eye na ɛtrɛw so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so,+ baabi a Kanaanfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ te.