Genesis 29:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Yehowa ate+ sɛ wɔnnɔ me, enti na wama me oyi nso.” Na ɔtoo ne din Simeon.+ Genesis 29:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na onyinsɛn bio woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Afei de, me kunu bɛka aba me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Enti ɔtoo no din Lewi.+ Genesis 35:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Lea mma ne Ruben,+ a ɔyɛ Yakob ba panyin no, ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, ne Sebulon.
33 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Yehowa ate+ sɛ wɔnnɔ me, enti na wama me oyi nso.” Na ɔtoo ne din Simeon.+
34 Na onyinsɛn bio woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Afei de, me kunu bɛka aba me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Enti ɔtoo no din Lewi.+