Genesis 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi nyinaa bi fifii asase so, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfinimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+ Genesis 3:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Yetumi di turo yi mu nnua so aba.+ Leviticus 25:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na asase no bɛma ne nnɔbae,+ na mubedidi amee atena so dwoodwoo.+
9 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi nyinaa bi fifii asase so, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfinimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+