Mmebusɛm 18:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Woanya ɔyere pa+ anaa? Ɛnde woanya adepa,+ woanya Yehowa anim dom.+ Mmebusɛm 19:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ofie ne ahode yɛ agyapade a papanom de gyaw wɔn mma,+ na ɔyere badwemma fi Yehowa.+ Marko 10:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”+ 1 Timoteo 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Efisɛ Adam na wodii kan bɔɔ no ansa na wɔrebɔ Hawa.+