Leviticus 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ munya du asase a mede ama mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae a edi kan+ no atifi biako mmrɛ ɔsɔfo no. Numeri 28:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “‘Na sɛ moredi adapɛn afahyɛ,+ na motew mo aba a edi kan+ de bi bɛbɔ aduan afɔre ma Yehowa a, monyɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.+ Deuteronomium 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Kan adapɛn ason. Kan fi da a edi kan a wode wo kantankrankyi bɛto w’awi so sɛ woretwa no; kan adapɛn ason fi saa bere no.+ Asomafo Nnwuma 2:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Afei bere a Pentekoste*+ afahyɛ no rekɔ so no, na wɔn nyinaa ahyiam faako,
10 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ munya du asase a mede ama mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae a edi kan+ no atifi biako mmrɛ ɔsɔfo no.
26 “‘Na sɛ moredi adapɛn afahyɛ,+ na motew mo aba a edi kan+ de bi bɛbɔ aduan afɔre ma Yehowa a, monyɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.+
9 “Kan adapɛn ason. Kan fi da a edi kan a wode wo kantankrankyi bɛto w’awi so sɛ woretwa no; kan adapɛn ason fi saa bere no.+