22 “Yehowa fi ogya ne omununkum kumɔnn ne sum mu de nne kɛse kaa nsɛm yi+ kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔw no so, na wamfa hwee anka ho. Akyiri yi ɔkyerɛw guu abopon abien so de maa me.+
19 Enti obiara a obu+ mmara nketewa yi mu biako so na ɔkyerɛkyerɛ nnipa sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ‘ɔketewa’ ɔsoro ahenni+ no mu. Na obiara a odi so na ɔkyerɛkyerɛ+ no, wɔbɛfrɛ onii no ‘ɔkɛse’+ ɔsoro ahenni no mu.