28 Enti ɔhene tuu agyina,+ na ɔyɛɛ sika anantwi mma+ abien, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfo, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asase so+ no ni.”+
29 Nebat ba Yeroboam bɔne+ a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no nko na Yehu antwe ne ho amfi ho; ɛno ne sika nantwi mma+ a na biako si Betel na biako nso si Dan+ no.