12 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre fi ha kɔ ntɛm, efisɛ wo nkurɔfo a wukoyii wɔn fii Egypt no reyɛ abusude.+ Wɔaman ntɛm afi ahyɛde a mede ama wɔn no ho. Hwɛ, wɔayɛ dade honi afa.’+
19 Nanso sɛ ɔtemmufo no wu a, na wɔdan wɔn ho kɔyɛ akyide a ɛsen nea wɔn agyanom ayɛ pɛn, na wokodi anyame foforo akyi som wɔn kotow wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan na wɔannan amfi wɔn nneyɛe bɔne no ho.+