Exodus 18:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Afei kyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara no,+ na ma wonhu ɔkwan a wɔmfa so ne adwuma a wɔnyɛ.+ Exodus 20:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nnya anyame foforo biara+ wɔ m’ani so. Deuteronomium 9:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Mibehui sɛ ampa moayɛ bɔne atia Yehowa mo Nyankopɔn! Ná moayɛ nantwi ba honi.+ Momanee ntɛm fii ɔkwan a Yehowa hyɛɛ mo no so.+ Atemmufo 2:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nanso wɔn atemmufo no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforo+ bɔɔ aguaman,+ na wɔkotow wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔman fii ɔkwan a wɔn agyanom faa so no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛde so,+ nanso wɔn de, wɔanyɛ saa.
16 Mibehui sɛ ampa moayɛ bɔne atia Yehowa mo Nyankopɔn! Ná moayɛ nantwi ba honi.+ Momanee ntɛm fii ɔkwan a Yehowa hyɛɛ mo no so.+
17 Nanso wɔn atemmufo no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforo+ bɔɔ aguaman,+ na wɔkotow wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔman fii ɔkwan a wɔn agyanom faa so no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛde so,+ nanso wɔn de, wɔanyɛ saa.