Exodus 34:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo ka yɛn ho na yɛnkɔ,+ efisɛ nnipa yi kɔn asen.+ Yehowa, fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.”+ Deuteronomium 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na Yehowa wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo ma woafa, efisɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asen.+ Nehemia 9:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “Na wɔn, yɛn agyanom de, wodii ahantansɛm;+ wosen wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛde. Asomafo Nnwuma 7:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 “Nnipa a moasen mo kɔn na moyɛ koma ne aso mu momonotofo,+ bere nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.+ Hebrifo 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 bere a wɔka sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+ mummpirim mo koma sɛ bere a wɔhyɛɛ me abufuw no.”+
9 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo ka yɛn ho na yɛnkɔ,+ efisɛ nnipa yi kɔn asen.+ Yehowa, fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.”+
6 Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na Yehowa wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo ma woafa, efisɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asen.+
51 “Nnipa a moasen mo kɔn na moyɛ koma ne aso mu momonotofo,+ bere nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.+
15 bere a wɔka sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+ mummpirim mo koma sɛ bere a wɔhyɛɛ me abufuw no.”+