16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda;+ na ɔman yi du asase a wɔrekɔ so+ no so a, wɔbɛsɔre+ ne ananafo anyame abɔ aguaman wɔ wɔn mfinimfini pɛɛ. Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+
17 Nanso wɔn atemmufo no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforo+ bɔɔ aguaman,+ na wɔkotow wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔman fii ɔkwan a wɔn agyanom faa so no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛde so,+ nanso wɔn de, wɔanyɛ saa.
9 Na wo nkurɔfo a wɔanya wɔn ti adidi mu no bɛkae me wɔ aman a wɔafa wɔn nkoa no mu,+ sɛnea wɔde wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho+ ne wɔn aguamammɔ aniwa a edi abosom fĩ+ akyi no abubu me koma no, na abofonode ne nneɛma bɔne a wɔayɛ nyinaa bɛma wɔafɛre.+