6 Mede Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu+ bɛka ne ho, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ nyinaa nso, mede nyansa bɛhyɛ wɔn komam na wɔatumi ayɛ nea mahyɛ wo nyinaa:+
8 Na wɔn a wɔwɔ nyansa koma+ a wɔyɛ adwuma no nyinaa fii ase yɛɛ ntamadan+ no. Wɔnwenee nwera, ahama bruu, tankɔkɔɔ, ne koogyan de yɛɛ ntama du a wɔde bɛyɛ ntamadan no; na ɔnwenee Kerubim wom.