Exodus 30:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 “Afei fa ɔkanto dua yɛ aduhuam muka a wɔbɛhyew aduhuam+ wɔ so. Dwom 141:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam+ wɔ w’anim,+Na me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere aduan afɔre.+ Luka 1:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 dɔn a na ɔrehyew aduhuam no mu no, na nnipadɔm no nyinaa wɔ adiwo rebɔ mpae.+ Adiyisɛm 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na bere a ogyee nhoma no, honhom abɔde baanan no ne mpanyimfo aduonu anan+ no hwehwee fam Oguammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sanku+ ne sika nkuruwa a aduhuam ayɛ no mã; ná aduhuam+ no yɛ akronkronfo no mpaebɔ.+
8 Na bere a ogyee nhoma no, honhom abɔde baanan no ne mpanyimfo aduonu anan+ no hwehwee fam Oguammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sanku+ ne sika nkuruwa a aduhuam ayɛ no mã; ná aduhuam+ no yɛ akronkronfo no mpaebɔ.+