Deuteronomium 7:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wo de, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+ 2 Samuel 7:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na wode wo nkurɔfo Israel+ atim w’anim sɛ wɔnyɛ wo man daa, na wo, Yehowa na woyɛ wɔn Nyankopɔn.+ Dwom 33:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+Ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.+
6 Wo de, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+