Deuteronomium 34:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Bere a Mose wui no na wadi mfe ɔha aduonu.+ Na n’ani so anyɛ no kusuu,+ na n’ahoɔden so anhuan.+ Asomafo Nnwuma 7:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Afei bere a odii mfe aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom, Israel mma no.+