8 Ade kyee anɔpa no, na ne ho yeraw no.+ Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfo+ ne anyansafo nyinaa bae,+ na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn.+ Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao ase.
11 Soan+ mpanyimfo nyinaa yɛ nkwaseafo. Na Farao afotufo mu anyansafo afotu yɛ nsɛnhunu nko.+ Ɛbɛyɛ dɛn na mo mu bi atumi aka akyerɛ Farao sɛ: “Anyansafo ba ne me, tete ahene ba ne me”?
9 “‘“‘Na mo de, mo adiyifo+ ne mo akɔmfo ne mo adaesofo+ ne mo nkonyaayifo ne mo asumanfo+ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene”+ no, munntie wɔn.
2 Enti ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfo+ ne nkonyaayifo ne asumanfo ne Kaldeafo no mmra na wɔmmɛka ɔhene adae no nkyerɛ no.+ Na wɔbae begyinagyinaa ɔhene anim.
8 Nanso ahufo ne wɔn a wonni gyidi+ ne wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne+ ne awudifo+ ne aguamammɔfo+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne abosonsomfo+ ne atorofo+ nyinaa de, wobenya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya+ ne sufre+ dɛw wom no mu. Eyi ne owuprenu no.”+