22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa+ kyerɛ soro ma amparuwbo+ ntɔ ngu Egypt asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne afifide nyinaa so wɔ Egypt asase so.”
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ+ wo nsa wɔ Egypt asase so ma mmoadabi mmra Egypt asase nyinaa so, na wommedi asase no so nhaban ne afifide nyinaa, nea amparuwbo no ansɛe no biara.”+
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+