21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+
27 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso tie kwa, na wɔakata wɔn ani; na wɔamfa wɔn aniwa anhu amfa wɔn aso antie na wɔamfa wɔn koma ante ase na wɔansakra amma mansa wɔn yare.”’+