Exodus 9:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nanso awi ne kɔkɔte*+ de, ansɛe efisɛ na ɛtaa ka akyi. Dwom 105:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Wɔwee wɔn asase no so nhaban nyinaa;+Na wɔn mfuw mu nnɔbae nso, wodii. Yoel 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ogya hyew+ di wɔn anim, na wɔn akyi nso, ogyaframa sɛe ade.+ Asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,+ na wɔn akyi de, ɛyɛ sare pradada, na biribiara mfi mu nka.
3 Ogya hyew+ di wɔn anim, na wɔn akyi nso, ogyaframa sɛe ade.+ Asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,+ na wɔn akyi de, ɛyɛ sare pradada, na biribiara mfi mu nka.