Exodus 8:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Saa da no mɛyɛ Gosen asase a me man te so no soronko na ohurii biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ mene Yehowa wɔ asase mfinimfini.+ Exodus 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoe abɛda Israel mmoa ne Egypt mmoa ntam, na Israelfo mmoa no mu biako mpo renwu.”’”+ Exodus 10:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na wɔantumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfo te no de, na hann wɔ hɔ.+ Exodus 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ofie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ mo sɛnkyerɛnne, na sɛ mihu mogya no a, metwam akɔ.+ Enti sɛ mede ɔsɛe ba Egypt asase so a, morenhu amane biara. Dwom 91:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn,Na ɔpedu atotɔ wo nsa nifa so;Wo de, ɛremmɛn wo.+ Malaki 3:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Afei mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam,+ ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”+
22 Saa da no mɛyɛ Gosen asase a me man te so no soronko na ohurii biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ mene Yehowa wɔ asase mfinimfini.+
4 Na Yehowa bɛma nsonsonoe abɛda Israel mmoa ne Egypt mmoa ntam, na Israelfo mmoa no mu biako mpo renwu.”’”+
23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na wɔantumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfo te no de, na hann wɔ hɔ.+
13 Na ofie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ mo sɛnkyerɛnne, na sɛ mihu mogya no a, metwam akɔ.+ Enti sɛ mede ɔsɛe ba Egypt asase so a, morenhu amane biara.
18 Afei mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam,+ ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”+