3 Na Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Monkae da a woyii mo fii Egypt+ nkoafie no, efisɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na eyii mo fii ha.+ Enti munnni biribiara a mmɔkaw wom.+
3 Di no nnanson, na mfa biribiara a akaw nka ho.+ Fa paanoo a mmɔkaw nnim, anaa ahoyeraw paanoo, ka ho di, efisɛ wode ahopere na efii Egypt asase so bae.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wufii Egypt no.+
8 Enti mommma yɛmmfa mmɔkaw+ dedaw anaa bɔneyɛ ne amumɔyɛ+ mmɔkaw+ nnhyɛ fa+ no, na mmom yɛmfa paanoo a mmɔkaw nnim a ɛno ne adwenemtew ne nokwaredi+ nhyɛ.