Leviticus 11:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo kra ho fĩ. Deuteronomium 7:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wo de, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+ Yesaia 61:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mo de, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfo+ na wɔabɔ mo din+ sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo.+ Mubedi amanaman ahode+ na mode wɔn anuonyam ahoahoa mo ho.+ 1 Petro 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa nkyerɛ.”+ Adiyisɛm 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfo+ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wobedi asase so ahene.”+
44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo kra ho fĩ.
6 Wo de, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+
6 Mo de, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfo+ na wɔabɔ mo din+ sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo.+ Mubedi amanaman ahode+ na mode wɔn anuonyam ahoahoa mo ho.+
9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa nkyerɛ.”+