29 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Solomon sɛ: “Yoab aguan kɔ Yehowa ntamadan no mu, na ɔwɔ afɔremuka no ho.” Enti Solomon somaa Yehoiada ba Benaia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, kɔtow hyɛ no so kum no!”+
15 Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada frɛɛ ɔha ha so mpanyimfo ne asraafo so mpanyimfo+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfi nnipa no mu, na obiara a obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no!”+ Ná ɔsɔfo no aka sɛ: “Munnkum no wɔ Yehowa fie.”