Leviticus 20:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame+ no, wonkum no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti n’ankasa mogya begu ne ti so.+ Mmebusɛm 20:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame+ no, ne kanea bedum esum mu.+ Mmebusɛm 30:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn papa, na wonhyira wɔn maame nso.+ Mmebusɛm 30:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Aniwa a edi ne papa ho fɛw na ebu ne maame asɛm tie animtiaa+ no—asu ho kwaakwaadabi betutu na ɔkɔre mma adi. Mateo 15:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kae sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei ‘Ma nea ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+
9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame+ no, wonkum no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti n’ankasa mogya begu ne ti so.+
17 Aniwa a edi ne papa ho fɛw na ebu ne maame asɛm tie animtiaa+ no—asu ho kwaakwaadabi betutu na ɔkɔre mma adi.
4 Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kae sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei ‘Ma nea ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+