Leviticus 19:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “‘Nkyinkyin nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa. Mmebusɛm 6:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 ɔdansekurumfo a otwa nkontompo,+ ne obi a ɔtoto anuanom ntam.+ Mmebusɛm 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nea ɔkata ɔtan so no wɔ atoro ano,+ na nea ɔsɛe nkurɔfo din no yɛ ɔkwasea.+ Yohane 8:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ,+ na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛde.+ Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase,+ na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.+
44 Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ,+ na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛde.+ Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase,+ na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.+