Leviticus 26:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 “‘Na wɔn a wɔbɛka no,+ mɛma ehu aka wɔn koma wɔ wɔn atamfo nsase so, na ahaban mpo yɛ kyekyerɛ a, wobeguan te sɛ nea nkrante di wɔn akyi, na wɔbɛhwehwe ase bere a obiara nni wɔn akyi.+ Mmebusɛm 28:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Nnebɔneyɛfo guan bere a obiara mpam wɔn,+ na treneefo de, wɔte sɛ gyataforo a ɔwɔ akokoduru.+
36 “‘Na wɔn a wɔbɛka no,+ mɛma ehu aka wɔn koma wɔ wɔn atamfo nsase so, na ahaban mpo yɛ kyekyerɛ a, wobeguan te sɛ nea nkrante di wɔn akyi, na wɔbɛhwehwe ase bere a obiara nni wɔn akyi.+