Leviticus 5:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Sɛ ɔkra bi ani nni ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛwom sɛ onnim+ de, nanso asodi da no so, na ɔbɛsoa ne bɔne.+ Numeri 15:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Ɔsɔfo no mpata mma ɔkra a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma no na wɔmfa mfiri no.+ Dwom 119:67 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 67 Ansa na mereba ahohia mu no, na meyɛ bɔne a minnim,+Nanso mprempren de, w’asɛm so na midi.+ Galatifo 6:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Anuanom, sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomso+ ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw*+ no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu,+ bere a mohwɛ mo ho so yiye,+ na wɔansɔ mo nso anhwɛ.+ Yakobo 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Obiara a obedi Mmara no nyinaa so na obebu emu asɛm biako so no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.+
17 “Sɛ ɔkra bi ani nni ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛwom sɛ onnim+ de, nanso asodi da no so, na ɔbɛsoa ne bɔne.+
28 Ɔsɔfo no mpata mma ɔkra a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma no na wɔmfa mfiri no.+
6 Anuanom, sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomso+ ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw*+ no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu,+ bere a mohwɛ mo ho so yiye,+ na wɔansɔ mo nso anhwɛ.+