26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa anim wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Na wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba kyerɛɛ wɔn.
14 Nna a yɛde nantew fii Kades-Barnea kosii sɛ yetwaa Sered subon no si mfe aduasa awotwe, kosii sɛ saa bere no sofo mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa sae wɔ dɔm no mu, sɛnea Yehowa kaa wɔn ntam no.+