25 Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+
20 Ntɛm ara na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid. Bere a wohuu adiyifo mpanyimfo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom+ baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso yɛe sɛ adiyifo.+
10 na obi nso tumi yɛ ahoɔdenne,+ ɔfoforo nso nya nkɔmhyɛ,+ ɔfoforo nso nya honhom mu nsɛm+ mu nhumu,+ ɔfoforo nso nya kasa horow,+ na ɔfoforo nso nya kasa horow nkyerɛase.+