16 “‘Nanso sɛ bɔhyɛ bi+ nti ɔde aboa bi bɛbɔ afɔre anaa ɔno ara fi ne pɛ mu bɔ afɔre+ a, da a ɔde no bɛbɔ afɔre no wɔnwe, na sɛ ebi ka ma ade kye so a, ɛno nso wobetumi awe.
21 “‘Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde aboa bi bɛbɔ asomdwoe afɔre+ ma Yehowa de tua bɔhyɛ+ bi anaa sɛ ɔno ara fi ne pɛ mu de ba a, ɔmfa oguan anaa nantwi a ɔte apɔw a dɛm biara nni ne ho mmra na ayɛ nhyira ama no.