6 Israelfo no nantew sare no so mfe aduanan+ kosii sɛ ɔman no mu mmarima a wobetumi akɔ ɔko a wofi Egypt bae a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyewee. Wɔn na Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wonhu asase+ a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn+ no, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so+ no.